Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 26:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na me deɛ, pɛyɛ mu na mebɔ me bra: Gye me, na hu me mmɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na me deɛ, pɛyɛ mu na mebɔ me bra: Gye me, na hu me mmɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Nanso mebɔ ɔbra a ho tew; hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Nanso mebɔ ɔbra a ɛho teɛ. Hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na me de, pɛyɛ mu na mebɔ me bra: Gye me, na hu me mmɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 26:11
19 Iomraidhean Croise  

Me Nyankopɔn, kae me yei ho, na mpepa m’adɔeɛ a mayɛ mama me Nyankopɔn fie ne ne som adwuma no.


Na mesee Lewifoɔ no sɛ wɔnnwira wɔn ho na wɔmmra mmɛhwɛ apono no ano, na wɔnyɛ home da no kronkron. Yei ho nso kae me, me Nyankopɔn, na kora me sɛdeɛ w’adɔeɛ bebree no teɛ.


Mehyehyɛɛ berɛ a ɛsɛ sɛ wɔde nnyina afɔrebɔ ne berɛ a wɔde nnuabakan deɛ ba. O me Nyankopɔn, kae me ma ɛnsi me yie.


Na akane amradofoɔ a wɔdii m’anim no yɛɛ ɔman no so adesoa, na wɔgyegyee wɔn hɔ aduane ne nsa, ɛsono dwetɛ nnwetɛbena aduanan nso. Wɔn asomfoɔ nso homm ɔman no so. Na me deɛ, Nyankopɔn ho suro nti, manyɛ saa.


Ɔbarima bi tenaa Us asase so a ne din de Hiob; na ɔbarima no di mu na ɔtene, na ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho.


Mede nimdeɛ bɛfa pɛyɛ kwan so. Da bɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede m’akoma pɛyɛ bɛnante me fie.


AWURADE, bu me bem, na me pɛyɛ mu na mebɔɔ me bra, na mede me ho metoo AWURADE soɔ, manwatiri.


Na me kra deɛ, Onyankopɔn bɛgye no Asamando nsam, na ɔbɛgye me.


Onua rentumi nnye onipa da, ɔremma Onyankopɔn ne mpatadeɛ,


Twe bɛn me kra, na bɛgye no, m’atamfoɔ nti gye me.


Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ manante w’anim nokorɛ mu, ne akoma a ɛdi mu mu, na mayɛ deɛ ɛyɛ w’ani so. Na Hesekia suu esu kɛseɛ.


Na wɔn baanu nyinaa tene wɔ Nyankopɔn anim di Awurade ahyɛdeɛ ne teneneedeɛ nyinaa so a ɛho nni asɛm,


Mo ne Onyankopɔn ne adansefoɔ sɛdeɛ yɛyɛɛ yɛn ho kronkron ne tenenee ne nnipa a wɔn ho nni asɛm maa mo agyidifoɔ.


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan