Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 26:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 AWURADE, bu me bem, na me pɛyɛ mu na mebɔɔ me bra, na mede me ho metoo AWURADE soɔ, manwatiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 AWURADE, bu me bem, na me pɛyɛ mu na mebɔɔ me bra, na mede me ho metoo AWURADE soɔ, manwatiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bu me bem, Awurade, efisɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho: mede me ho too Awurade so na manhinhim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Bu me bem, Ao Awurade, ɛfiri sɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho: mede me ho too Awurade so na manhinhim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 AWURADE, bu me bem, na me pɛyɛ mu na mebɔɔ me bra, na mede me ho metoo AWURADE so, manwatiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 26:1
30 Iomraidhean Croise  

Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ manante w’anim nokorɛ ne akoma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ. Na Hesekia suu esu kɛseɛ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Woadwene m’akoa Hiob ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase so, ɔbarima a ɔdi mu na ɔtene, ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho; nanso ɔda so kura ne mudie no mu ara, na wo Satan woahwanyan me atia no sɛ mensɛe no kwa.


Ɛnyɛ wo Nyamesuro ne deɛ wode wo ho to soɔ, na w’akwan a ɛtene ne w’anidasoɔ anaa?


Ɔremma wo nan nwatiri, deɛ ɔhwɛ woɔ no rentɔ nko.


Deɛ ɔnante pɛpɛɛpɛ na ɔdi asɛntenenee, na ɔka n’akomam nokorɛ.


Ɛfiri sɛ ɔhene ani da AWURADE so, na deɛ ɔwɔ sorosoro adɔeɛ nti ɔrenhinhim.


Me Nyankopɔn, wo so na mede me ho matoɔ, mma m’ani nnwu, mma m’atamfoɔ ho nnsɛpɛ wɔn, me nti.


Ma pɛyɛ ne teeyɛ nhwɛ me so, ɛfiri sɛ m’ani da wo so.


Na me deɛ, pɛyɛ mu na mebɔ me bra: Gye me, na hu me mmɔbɔ.


AWURADE ne m’ahoɔden ne me kyɛm. Mede m’akoma mato ne so, na waboa me, enti m’akoma ho asane no, na mede me dwom meda no ase.


Na me deɛ, wo, AWURADE, so na mede me ho matoɔ. Mese: Wone me Nyankopɔn.


AWURADE, me Nyankopɔn, fa wo tenenee so bɛbu me atɛn, na mma wɔn ani nnnye me ho!


ne Nyankopɔn mmara wɔ n’akomam, na ne nan nwatiri.


Mommɔ tenenee afɔdeɛ, na momfa mo ho ntwere AWURADE.


O Onyankopɔn, bu me bem, na wo ne ɔman a ɛnyɛ no nni asɛm mma me. Gye me firi nkontomponi ne omimfoɔ nsam.


Onyankopɔn, fa wo din so gye me, na fa wo tumi di m’asɛm ma me.


Ampa ara, ɔne me botan ne me nkwagyeɛ, m’abankɛseɛ, merenhinhim bebree bi.


Ampa ara, ɔne me botan ne me nkwagyeɛ, m’abankɛseɛ, merenhinhim.


AWURADE bɛbu aman atɛn; AWURADE di m’asɛm sɛdeɛ me tenenee ne bem a ɛwɔ me mu teɛ.


Sɛ mese me nan rewatiri a, wo, AWURADE, w’adɔeɛ na ɛwowa me.


Ɔteneneeni a ɔnam ne pɛyɛ mu, wɔbɛhyira ne mma wɔ n’akyi.


Onipa ho suro sum fidie, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no ho deɛ ɔbɛyɛ sɔnn.


Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanseɛ, sɛ yɛnam Nyankopɔn kronkronyɛ ne n’ahoteɛ mu, na ɛnyɛ honam mu nyansa mu, na mmom Nyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra wiase, ne titire no, mo ntam.


Momma yɛnsɔ anidasoɔ asɛm a yɛgyina so ka no mu pintinn, ɛfiri sɛ ɔnokwafoɔ ne deɛ ɔhyɛɛ bɔ no,


a wɔnam gyidie so wɛn mo wɔ Nyankopɔn tumi mu de kɔ nkwagyeɛ a wɔasiesie sɛ wɔrebɛyi no adie ɛberɛ a ɛdi akyire no mu.


Enti mmom, anuanom, mommɔ mmɔden nhyɛ mo frɛ ne mo yie mu den; na sɛ moyɛ yeinom a, morensunti da.


Ɔhwɛ n’ahotefoɔ nan so, na abɔnefoɔ bɛtɔre mum esum mu; na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bɛdi nim.


Na AWURADE nyɛ ɔtemmufoɔ, na ɔmmu me ne wo ntam atɛn, na ɔnhunu na ɔnni m’asɛm mma me, na ɔmmu me atɛn nyi me wo nsam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan