Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 25:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Ampa ara, wɔn a wɔhwɛ wo kwan no biara ani renwu, wɔn a wɔtwa nkontompo kwa no na wɔn ani bɛwuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ampa ara, wɔn a wɔhwɛ wo kwan no biara ani renwu, wɔn a wɔtwa nkontompo kwa no na wɔn ani bɛwuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no mu biara anim rengu ase da, mmom, wɔn a wɔyɛ kɔntɔnkye kwa no anim begu ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no mu biara ani renwu da, mmom, wɔn a wɔyɛ kɔntɔnkye no anim bɛgu ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ampa ara, wɔn a wɔhwɛ wo kwan no biara ani renwu, wɔn a wotwa nkontompo kwa na wɔn ani bewu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 25:3
32 Iomraidhean Croise  

Sebulon tenabea bɛkyerɛ mpoano, na wahwɛ deɛ ahyɛn gyinagyina, na ɔne Sidon abɔ hyeɛ.


Na Saulo wui ne fom a ɔfom AWURADE no, ne AWURADE asɛm a wanni soɔ no, ne sɛ nso ɔkɔbisaa samanfrɛni hɔ adeɛ hwehwɛɛ n’akyiri kwan.


na wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia, na wɔne me di ako kwa.


Ma ahantanfoɔ ani nwu sɛ wɔbrɛɛ me ase nkontompo soɔ. Me deɛ, mɛdwene wo nsiesieeɛ ho.


Hwɛ, sɛdeɛ nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa ano, sɛ afenaa ani hwɛ n’awuraa nsa ano no, sɛ yɛn ani hwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ne no, kɔsi sɛ ɔbɛdom yɛn.


Mɛhyɛ n’atamfo aniwuo, na ɔno deɛ, n’ahenkyɛ bɛhyerɛn n’atifi.


Na me deɛ, meyɛ aboa, na menyɛ onipa, meyɛ nnipa ahohoradeɛ ne ɔman akyiwadeɛ.


Ma w’ani nna AWURADE so, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru, Aane, ma w’ani nna AWURADE so.


AWURADE mma m’anim nngu ase, na mesu mefrɛ wo. Ma abɔnefoɔ anim ngu ase, na wɔntotɔre mum Asamando.


Ma atorofoɔ ano mmua, wɔn a wɔka ɔteneneeni ho nsɛm a ɛyɛ den ahokyerɛ ne aniammɔho mu no.


Yɛn kra twɛn AWURADE, yɛn boafoɔ ne yɛn kyɛm ne no.


Wɔn a wɔn ani gye m’amanehunu ho nyinaa, ma wɔn ani nwu na wɔn anim ngu ase. Wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm no, ma aniwuo ne ahohora nsi wɔn aduradeɛ!


Twɛn AWURADE, na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no atena so; sɛ wɔhye abɔnefoɔ ase a, wobɛhunu.


M’atamfoɔ nyinaa ani bɛwu, na wɔn ho adwiri wɔn sɛ, na wɔapatu de fɛreɛ asane.


Ampa, me kra yɛ komm hwɛ Onyankopɔn ara; ne nsam na menya nkwagyeɛ.


Ampa, me kra, yɛ komm hwɛ Onyankopɔn ara, na ne nsam na menya deɛ m’ani da soɔ.


Wɔn a wɔtane me kwa dɔɔso sene me tiri so nwi, m’asɛefoɔ a wɔyɛ m’atamfoɔ atorofoɔ dɔɔso, deɛ memfaeɛ no, wɔse mennane memma.


AWURADE, asafo AWURADE Nyankopɔn, mma wɔn a wɔtwɛn woɔ ani nnwu me ho, Israel Nyankopɔn, mma wɔn a wɔhwehwɛ woɔ no anim nngu ase, me nti.


Me kra ho asɛmpɛfoɔ ani bɛwu na wɔayera, ahohora ne nsopa bɛkata wɔn a wɔpɛ me bɔne so.


Ɛda no na wɔbɛka sɛ: Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani ada ne so sɛ ɔbɛgye yɛn no nie; AWURADE a yɛn ani daa ne soɔ no nie. Momma yɛnni ahurisie, na yɛn ani nnye ne nkwagyeɛ no mu.


na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no deɛ, wɔbɛnya ahoɔden foforɔ, wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔdeɛ, wɔbɛtu mmirika, na wɔmmrɛ, wɔbɛnante, na wɔnntɔ piti.


Na ahemfo bɛyɛ wo mmagyegyefoɔ, na wɔn ahemmaa ayɛ wo nufomafoɔ; wɔde wɔn anim bɛbutubutu fam ama wo, na wɔatafere wo nan ase mfuturo, na woahunu sɛ me, mene AWURADE a wɔn a wɔn ani da me soɔ no ani renwuo.


Na AWURADE gyina m’akyiri sɛ dɔmmarima a ne ho yɛ hu, ɛno nti m’atifoɔ bɛsuntisunti, na wɔrentumi. Wɔn ani bɛwuwu sɛ, ɛfiri sɛ ɛrensi wɔn yie, ɛyɛ daa nsopa a werɛ remfire.


AWURADE yɛ ma wɔn a wɔhwɛ no kwan, ma ɔkra a ɔhwehwɛ n’akyiri kwan no.


Na me deɛ, AWURADE na mehwɛ no kwan, mɛtwɛn me nkwagyeɛ Nyankopɔn no. Me Nyankopɔn bɛtie me.


Na ɛyɛɛ hɔ, na asɛm a wɔatwerɛ no wɔn mmara mu no aba mu sɛ: Wɔtane me kwa.


Na sɛ yɛn ani da deɛ yɛnhunu so a, yɛde boasetɔ twɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan