Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 24:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Mo, aponkɛseɛ, momma mo tiri so, na mo, tete apono, montrɛ mo ho mu, na animuonyam hene no nhyɛne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Mo, aponkɛseɛ, momma mo tiri so, na mo, tete apono, montrɛ mo ho mu, na animuonyam hene no nhyɛne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mo aponkɛse, momma mo ti so; wɔmma mo so, mo tete apon, na Anuonyam Hene nhyɛn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Mo apono, mommuebue mommuebue, mo tete apono, na Animuonyam Ɔhene nhyɛne mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Mo aponkɛse, momma mo ti so, na mo, tete apon, montrɛw mo ho mu, na anuonyam hene no ahyɛn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 24:7
23 Iomraidhean Croise  

Na wɔde AWURADE adaka no bae de bɛsii ne siberɛ, ntomadan a Dawid asi ama no no mu. Na Dawid bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ AWURADE anim.


Na mununkum no nti amma asɔfoɔ no antumi annyina ansom, ɛfiri sɛ na AWURADE animuonyam ahyɛ AWURADE dan no ma.


Na asɔfoɔ no de AWURADE apam adaka no bɛsii n’afa, ɛdan no mpiakyire a ɛne kronkronkronbea no mu, kerubim no ntaban ase.


AWURADE, sɔre kɔ wo home mu, wo ne wo tumi adaka no.


Ao, AWURADE, wo na ɔhene ani gye wɔ w’ahoɔden mu, na wo nkwagyeɛ nti hwɛ sɛdeɛ ne ho si sane no fa.


N’animuonyam so wo nkwagyeɛ nti, kɛseyɛ ne anidie na wode ama no.


Ɔsoro ka ne tenenee kyerɛ, na aman nyinaa hunu n’animuonyam.


Monhini apono no na tenenee man a wɔkora gyidie no nhyɛne mu.


Monsene, monsene mfa kuro apono no mu, mommɔ ɔman no kwan; montu ngu so, montu ngu so nyɛ no tempɔn, montase so aboɔ; monsi aman no so frankaa.


Na wo, Sion babaa kokoɔ, woayɛ nnwanhwɛfoɔ abantenten, na wo hɔ na akane tumidie no bɛba abɛduro, Yerusalem babaa ahennie no.


na mɛwoso amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa de w’agyapadeɛ bɛba, na mede animuonyam bɛhyɛ efie yi ma, asafo AWURADE na ɔseɛ.


So na ɛdan yi animuonyam bɛso, akyire yi deɛ no bɛsene kane deɛ no, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛha na mɛma asomdwoeɛ, asafo AWURADE asɛm nie.


Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na AWURADE a mohwehwɛ no, aane apam bɔfoɔ a mopɛ no no bɛba n’asɔrefie; hwɛ, ɔreba, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na afei, Awurade Yesu ne wɔn kasaeɛ akyiri no, wɔfaa no kɔɔ soro, na ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa.


Deɛ wiase yi atumfoɔ mu biara anhunu, na sɛ wɔhunuiɛ a, anka wɔammɔ animuonyam Wura no asɛnnua mu,


Me nuanom, mommma nnipa animhwɛ ne yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ animuonyam wura no gyidie nnni afra.


Ɔno na ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Nyankopɔn nifa, na abɔfoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.


Na monnyini yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no seesei ne daa. Amen.


Yɛn Awurade ne yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wogye animuonyam ne anidie ne tumi, ɛfiri sɛ wo na wobɔɔ nnoɔma nyinaa, na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ, na wɔbɔeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan