Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 24:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Deɛ efi nni ne nsam na n’akomam teɛ, deɛ ɔmma ne kra ani nsa ahuhudeɛ, na ɔnka nkontompo ntam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Deɛ efi nni ne nsam na n’akomam teɛ, deɛ ɔmma ne kra ani nsa ahuhudeɛ, na ɔnka nkontompo ntam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nea ɔyɛ ade trenee na ne koma mu tew, nea ne kra nni ahoni akyi na ɔnka ntamhunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Deɛ ɔyɛ ade tenenee na nʼakoma mu teɛ, deɛ ne kra nni ahoni akyi na ɔnnka ntanhunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Nea efi nni ne nsam na ne komam tew, nea ɔmma ne kra so mma ahuhude, na ɔnka ntanhunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 24:4
32 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE hunuu sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn akoma mu nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.


Nanso ɔteneneeni bɛkura ne kwan mu, na deɛ ne nsa ho teɛ no bɛkɔ so anya ahoɔden.


Sɛ medware sukyerɛmma nsuo na mede dɔw mehohoro me nsa a,


Ma mente w’adɔeɛ anɔpa, na wo so na mede me ho metoɔ. Ma menhunu kwan a memfa soɔ, na wo na mema me kra so mekyerɛ woɔ.


Ɔno ara n’ani so ɔbu onipa huhuo animtia, na ɔdi wɔn a wɔsuro AWURADE no ni, ɔka amanenya ntam a, ɔnsakyera.


AWURADE tuaa me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ, sɛdeɛ me nsa ho a afire no teɛ na ɔtuaa me ho ka.


AWURADE, wo na mema me kra so mekyerɛ woɔ.


Mɛhohoro me nsa, bemdie mu, na matwa w’afɔrebukyia ho mahyia, AWURADE,


Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me, na yɛ honhom foforɔ a aseɛ tim wɔ me mu.


Ma mennya wo nkwagyeɛ ho abotɔyam bio, na ayamyie honhom nsɔ me mu.


Ampa ara, Onyankopɔn yɛ ma Israel, ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ.


Hwan na ɔbɛka sɛ: Mate no m’akoma mu, me ho afi afiri me bɔne ho?


Hohoro w’akoma ho firi bɔne mu, O Yerusalem, na wɔagye wo. Da bɛn na w’abusudwene ntena wo mu nkɔsie?


Ɛwom sɛ wɔka sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi deɛ, nanso ntam hunu na wɔkeka.


na ɔnni afɔreduane mmepɔ no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fie ahoni huhuo, na ɔngu ne yɔnko yere ho fi,


na ɔnni afɔreduane mmepɔ no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fie ahoni huhuo no, na ɔngu ne yɔnko yere ho fi na ɔnkɔ ɔbaa a wayɛ bra ho,


Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ, na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn.


Mmarima, adɛn na moreyɛ yeinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa te sɛ mo ara, na yɛka asɛmpa kyerɛ mo sɛ monnane mfiri ahuhudeɛ yi ho nkɔ Onyankopɔn a ɔte ase no nkyɛn; ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.


na wamma no ansono yɛne wɔn, na mmom ɔnam gyidie so tee wɔn akoma mu.


Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfoɔ, momma yɛnhohoro yɛn ho mfiri honam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahoteɛ Onyankopɔn suro mu.


Na woamma w’ani so ankyerɛ soro anhwɛ owia ne ɔsrane ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na antwe wo ankɔsɔre wɔn ansom wɔn, nnoɔma a AWURADE wo Nyankopɔn akyekyɛ ama wiase amanaman nyinaa no.


adwamammɔfoɔ ne mmarima a wɔne mmarima da, nnipatɔnfoɔ, atorofoɔ, ntantofoɔ ne biribiara a ɛka ho a ɛne nkyerɛkyerɛ pa no di asie,


Enti mepɛ sɛ mmarima bɔ mpaeɛ wɔ mmaa nyinaa, ma nsa a ɛho teɛ so, a abufuo anaa akyinnyeɛ nni mu.


Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfoɔ, na monte mo akoma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta!


Na ade-hunu biara ne deɛ ɔyɛ akyiwadeɛ na ɔdi atorɔ renhyɛne mu koraa, gye wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Adwammaa no nkwa nwoma no mu no nko.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan