Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 23:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Woto me pono, m’atamfoɔ anim, wode ngo fɔ me tirim, me kuruwa yɛ ma bu so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Woto me pono, m’atamfoɔ anim, wode ngo fɔ me tirim, me kuruwa yɛ ma bu so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Woto me pon wɔ mʼatamfo anim. Wode ngo fɔw me tirim; me kuruwa yɛ ma bu so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Woto me ɛpono wɔ mʼatamfoɔ anim. Wode ngo afɔ me tirim; me kuruwa ayɛ ma abu so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Wotow me pon m’atamfo anim, wode ngo fɔw me tirim, me kuruwa yɛ ma bu so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 23:5
23 Iomraidhean Croise  

Anka ɔbɛgye wo nso afiri ahohiahia mu akɔ deɛ ɛhɔ trɛ a ahokyere nnie hɔ, na sradeɛ ayɛ wo pono so aduane ma.


Na nsa ama ɔdasani akoma atɔ ne yam, na wama ngo ayɛ onipa anim dɛhyɛdɛhyɛ, na aduane awowa ɔdasani akoma.


Mɛma nkwagyeɛ kuruwa so, na mabɔ AWURADE din.


AWURADE ne m’agyapadeɛ mu kyɛfa ne me kuruwa, wo na me nkrabea kura wo nsam.


Ahobrɛasefoɔ bɛdidi na wɔamee, wɔn a wɔpɛ AWURADE akyiri kwan bɛyi no ayɛ. Mo akoma nnya nkwa daa.


Asase so abrane nyinaa bɛdidi na wɔakoto no, wɔn a wɔsiane kɔ mfuturo mu nyinaa, ne deɛ anka ne kra nni nkwa no bɛkoto no.


Wodɔ tenenee, na wotane abɔnefosɛm, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de anigyeɛ ngo asra woɔ sene wo mfɛfoɔ.


na wɔkasa tiaa Onyankopɔn sɛ: Onyankopɔn bɛtumi ato pono ɛserɛ so anaa?


Na woma m’abɛn so sɛ okoo deɛ, wode ngo foforɔ gu me so.


Na m’ani hunu deɛ mepɛ m’atɛfoɔ so, na m’aso te deɛ ɛyɛ me dɛ, abɔnefoɔ a wɔsɔre tia me no ho.


Na asafo AWURADE bɛto aman nyinaa pono wɔ bepɔ yi so: Sradeduane, nsa a akyɛ, sradeɛ ne ekyim, nsa a wɔasɔne soɔ.


Wɔnom nsa nkoraa mu, na wɔde ngohwam sra wɔn ho, na Yosef sɛeɛ deɛ, ɛnyɛ wɔn ya.


Na wo deɛ, woredi abuada a, sra wo tirim, na hohoro w’anim,


Woamfa ngo ansra me tirim, na ɔbaa yi deɛ, ɔde ngo hwamhwam asra me nan ho.


Na mo nso, seesei deɛ, mowɔ awerɛhoɔ; na mɛhu mo bio, na mo akoma bɛtɔ mo yam, na mo anigyeɛ no, obi rennye mo nsam;


Nhyira kuruwa a yɛhyira soɔ no nyɛ Kristo mogya no ayɔnkoyɛ anaa? Paanoo a yɛbubuo no nyɛ Kristo nipadua ayɔnkoyɛ anaa?


Na deɛ ɔde yɛne mo tim Kristo mu na wasra yɛn no ne Onyankopɔn;


Na deɛ ɔtumi yɛ ma no tra ade nyinaa, ma no boro so kyɛne deɛ yɛsrɛ anaasɛ yesusuo, sɛdeɛ tumi a ɛyɛ yɛn mu adwuma no teɛ no,


Na mo deɛ, moanya ngosra no firi Ɔkronkronni no hɔ, na mo nyinaa nim de.


Na mo deɛ, ngosra a monyaa no ne nsa mu no te mo mu, enti ɛnhia mo sɛ obi kyerɛkyerɛ mo; na mmom sɛdeɛ ngosra no ara kyerɛkyerɛ mo ade nyinaa ho no na ɛyɛ nokorɛ, na ɛnyɛ atorɔ. Na sɛdeɛ akyerɛkyerɛ mo no, montena ne mu!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan