Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 23:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Sɛ mpo menam owuo sum kabii bɔn no mu a, mensuro bɔne biara, ɛfiri sɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ, w’abaa ne wo poma na ɛkyekyere me werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Sɛ mpo menam owuo sum kabii bɔn no mu a, mensuro bɔne biara, ɛfiri sɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ, w’abaa ne wo poma na ɛkyekyere me werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ menam owu sum kabii mu mpo a, minsuro bɔne bi, efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ; wʼabaa ne wo pema na ɛkyekye me werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ menam owuo sum kabii mu mpo a, mensuro bɔne bi, ɛfiri sɛ, wo ne me na ɛwɔ hɔ; wʼabaa ne wo poma na ɛkyekyere me werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Sɛ mpo menam owu sum kabii bon mu a, minsuro bɔne bi, efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ, w’abaa ne wo poma na ɛkyekye me werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 23:4
26 Iomraidhean Croise  

Na wɔn nyinaa, esum kabii yɛ wɔn sɛ anɔpa, ɛfiri sɛ wɔne esum kabii mu ahuyideɛ yɛ nnamfo.


Esum ne sunsum nnye no, mununkum ntena so, deɛ ɛma adekyeeɛ duru sum nyi no hu.


Wo tumidie poma no, AWURADE firi Sion bɛtene. “Di hene w’atamfo mfimfini!”


AWURADE wɔ m’afa, mensuro, ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?


Menam ahohia mu a, woma me nkwa, wotene wo nsa m’atamfoɔ abufuo so, na wo nifa gye me.


Ɛno na wɔn ho popoeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn wɔ teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ mu.


Mensuro nkurɔfoɔ mpempem a wɔabɔ me ho nsraban ahyia yi.


Nanso woabubu yɛn pasaa, deɛ sakraman wɔ, na wode esum kabii akata yɛn so.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.


Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma w’akoma nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me tenenee nifa mekura wo mu.


Na wɔanka sɛ: AWURADE a ɔyii yɛn firii Misraim asase soɔ, na ɔmaa yɛfaa serɛ soɔ, nkyɛkyerɛ ne amena asase soɔ, pɛsɛɛyɛ ne esum kabii asase soɔ, asase a obi mfa soɔ na onipa bi nte soɔ no wɔ hen?


Fa wo poma yɛne wo man, w’agyapadeɛ nnwan a wɔn nko ara te kwaeɛm, Karmel atifi no. Ma wɔnnidi Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu.


Na mefaa me poma Adom no mebuu mu, sɛ meretue m’apam a me ne aman nyinaa pameeɛ no.


Na mebuu me dua baako Nkyekyerebomu no mu, sɛ wɔnsɛe Yuda ne Israel ntam onuayɛ no.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nna no mu na mmarima du a wɔfiri amanaman kasa nyinaa mu bɛsosɔ Yudani baako atadeɛ mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛteɛ.


Hwɛ, ababaawa no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabanin, na wɔato ne din Imanuel, (a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn na ɛwɔ hɔ.)


na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kɔsi wiase awieeɛ.


sɛ ɛbɛhyerɛn ama wɔn a wɔtete sum mu ne owuo sunsum aseɛ, na wagye yɛn taataa akɔ asomdwoeɛ kwan so.


Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan