Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 23:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Ɔma meda adidibea a ɛhɔ wira yɛ frɔmfrɔm, ɔgya me kɔ nsuo a ɛho dwoɔ ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Ɔma meda adidibea a ɛhɔ wira yɛ frɔmfrɔm, ɔgya me kɔ nsuo a ɛho dwoɔ ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea; ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔma meda wira frɔmfrɔm adidibea mu; ɔgya me kɔ nsuo a ɛho dwoɔ ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Ɔma meda adidibea a ɛhɔ nwura yɛ frɔmfrɔm, ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 23:2
11 Iomraidhean Croise  

Na sɛ ɔno na ɔma no dwo a, hwan na ɔbɛbu fɔ? Na ɔde n’ani hunta a, hwan na ɔbɛhu no? Ɔman mu so oo, ɔbaakofoɔ so oo, ɔyɛ no pɛ,


Asuo bi, ne mmɔmu ma Nyankopɔn kuro ani gye, ɔsorosoroni tenabea kronkron no.


Na wɔduruu Elim a nsubura dummienu ne akyiresua aduɔson wɔ no. Na wɔkyeree nsraban wɔ nsuo no ho hɔ.


Na ɔbɛma osuo atɔ agu mo aba a moagu no fam ne asase nnɔbaeɛ aduane so, na ayɛ aduane pa sɔɔsɔɔ; mo mmoakuo bɛdidi da no, adidibea a ɛtrɛ so;


Ɛsiane sɛ ɔman yi bu Siloa nsuo a ɛsene brɛɛ animtia na wɔn ho sane wɔn Resin ne Remalia ba no ho nti,


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfitiaseɛ ne awieeɛ no. Me na mede nkwa asutire mu nsuo bɛkyɛ obiara a sukɔm de no kwa.


Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsuo asubɔnten a ani teɛ sɛ ahwehwɛ a ɛfiri Nyankopɔn ne Adwammaa no ahennwa no mu


Na honhom no ne ayeforɔ no se: Bra! Na deɛ ɔtie no nka sɛ: Bra! Na deɛ sukɔm de no mmra, na deɛ ɔpɛ no mmɛgye nkwa nsuo no kwa.


Na adwammaa a ɔwɔ ahennwa no mfimfini no bɛyɛ wɔn Hwɛfoɔ, na ɔde wɔn akɔ nkwa asutire ho, na Onyankopɔn bɛpepa nisuo nyinaa afiri wɔn aniwa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan