Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 22:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Wo na wɔteaa mu frɛɛ woɔ, na wɔnyaa nkwagyeɛ, wɔde wɔn ho too wo so, na wɔn ani anwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Wo na wɔteaa mu frɛɛ woɔ, na wɔnyaa nkwagyeɛ, wɔde wɔn ho too wo so, na wɔn ani anwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wosu frɛɛ wo na wugyee wɔn, wɔde wɔn ho too wo so na woanni wɔn nhuammɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔsu frɛɛ wo na wogyee wɔn, wɔde wɔn ho too wo so na woanni wɔn hwammɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Wo na wɔteɛɛm frɛɛ wo, na wonyaa nkwagye, wɔde wɔn ho too wo so, na wɔn ani anwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 22:5
17 Iomraidhean Croise  

na wɔnyaa mmoa faa wɔn so, na wɔde Hagarfoɔ ne wɔn a wɔka wɔn ho no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa, ɛfiri sɛ wɔteaa mu frɛɛ Onyankopɔn ɔko no mu, na ɔtiee wɔn, ɛnam sɛ wɔn ani da ne soɔ nti.


Nanso ɔhwɛɛ wɔn ahohia maa wɔn, ɔtiee wɔn abooboo no.


Wo, AWURADE, na madwane abɛtoa woɔ, mma m’anim nngu ase da biara da. Fa wo tenenee so gye me,


Wo AWURADE na madwane mabɛtoa woɔ, m’anim rengu ase da biara da.


AWURADE de daa daa nkwagyeɛ gye Israel; mo ani renwu, na mo anim rengu ase bio da biara da.


Na ahemfo bɛyɛ wo mmagyegyefoɔ, na wɔn ahemmaa ayɛ wo nufomafoɔ; wɔde wɔn anim bɛbutubutu fam ama wo, na wɔatafere wo nan ase mfuturo, na woahunu sɛ me, mene AWURADE a wɔn a wɔn ani da me soɔ no ani renwuo.


Wɔn a wɔto wɔn nyinaa tete wɔn mu, na wɔn ahohiahiafoɔ ka sɛ: Yɛnni fɔ! ɛsiane sɛ wɔayɛ AWURADE, tenenee tenabea ne wɔn agyanom anidasoɔ AWURADE no bɔne.


Nebukadnessar kaa sɛ: Nhyira ne Sadrak, Mesak ne Abed-Nego Nyankopɔn a wasoma ne bɔfoɔ, na wabɛyi ne nkoa a wɔde wɔn ho too ne soɔ na wɔsakyeraa ɔhene asɛm na wɔde wɔn honam maeɛ, deɛ ɛbɛyɛ na wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara sɛ wɔn Nyankopɔn.


Na atwerɛ no se: Obiara a ɔgye no die no ani renwu.


sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ suntiboɔ ama nnipa, ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ; na obiara a ɔbɛgye no adie no anim rengu ase.


Ɛfiri sɛ ɛwɔ atwerɛ no mu sɛ: Hwɛ, mede tweaso tiboɔ a wɔayie no na ne boɔ yɛ den mato Sion, na deɛ ɔgye no die no ani renwu.


Na Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE, ɛfiri sɛ na ɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfoɔ so denden mfeɛ aduonu.


Na Israel hodwoo Midian anim sɛ, na Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan