Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 22:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Mo a mosuro AWURADE, monyi no ayɛ. Yakob asefoɔ nyinaa, monhyɛ no animuonyam, na Israel asefoɔ nyinaa, momfɛre no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Mo a mosuro AWURADE, monyi no ayɛ. Yakob asefoɔ nyinaa, monhyɛ no animuonyam, na Israel asefoɔ nyinaa, momfɛre no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Monkamfo Awurade, mo a musuro no no! Mo a moyɛ Yakob asefo, monhyɛ no anuonyam! Mo Israel asefo nyinaa, munni no ni!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Monkamfo Awurade, mo a mosuro no no! Mo a moyɛ Yakob asefoɔ, monhyɛ no animuonyam! Mo Israel asefoɔ nyinaa, monni no ni!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Mo a musuro AWURADE, munyi no ayɛ. Yakob asefo nyinaa, monhyɛ no anuonyam, na Israel asefo nyinaa, momfɛre no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 22:23
22 Iomraidhean Croise  

na menhunu wɔn a woayi wɔn no nnepa, na m’ani nnye wo nkurɔfoɔ no anigyeɛ ho bi, na me ne w’agyapadeɛ nhyehyɛ yɛn ho.


Mede m’ano bɛkamfo AWURADE pii, mɛto ayeyie dwom mama no nnipa bebree mu,


Monyi AWURADE ayɛ! Mede m’akoma nyinaa bɛkamfo AWURADE, ateneneefoɔ dwabɔ ne asafo mu.


Mo a mosuro AWURADE, momfa mo ho nto AWURADE so. Mo mmoa ne mo kyɛm ne no.


ɔbɛhyira wɔn a wɔsuro AWURADE, nketewa ne akɛseɛ nyinaa.


Ɔyɛ deɛ wɔn a wɔsuro no no pɛ ma wɔn, na ɔtie wɔn sufrɛ, na ɔgye wɔn.


Nkyirimma bɛsom no, wɔbɛka AWURADE ho asɛm, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu.


Me nan gyina deɛ ɛhɔ da fam, asafo ahyiaeɛ mu na mɛhyira AWURADE.


Ma asase nyinaa sofoɔ nsuro AWURADE, wɔn a wɔte wiase nyinaa mfɛre no;


Mɛda wo ase edwa kɛseɛ mu, mɛyi wo ayɛ ɔman dodoɔ mu.


Deɛ ɔde aseda bɔ afɔdeɛ no hyɛ me animuonyam, na deɛ n’akwan teeɛ no, mɛkyerɛ no Nyankopɔn nkwagyeɛ.


O AWURADE, me Nyankopɔn, mede m’akoma nyinaa bɛda wo ase, na mahyɛ wo din animuonyam daa,


Enti ɔman a ɛyɛ den bɛhyɛ wo animuonyam, amanaman ahoɔdenfoɔ kuro bɛsuro wo.


na ne mmɔborɔhunu wɔ wɔn a wɔsuro no so, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ nyinaa mu.


Na nnwanhwɛfoɔ no sane kɔe kɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam, na wɔyii no ayɛ wɔ deɛ wɔteeɛ na wɔkɔhunuiɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn no nyinaa nti.


Enti sɛ modidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.


Awurade, hwan na ɔrensuro woɔ na ɔrenhyɛ wo din animuonyam? Ɛfiri sɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, ɛfiri sɛ w’atɛn tenenee ada adi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan