Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 22:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Nnipa bɔne te sɛ akraman atwa me ho ahyia, na wɔbom ba me so, wɔahwire me nsa ne me nan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Nnipa bɔne te sɛ akraman atwa me ho ahyia, na wɔbom ba me so, wɔahwire me nsa ne me nan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Akraman atwa me ho ahyia, nnebɔneyɛfo kuw atwa me ahyia, wɔahwirew me nsa ne mʼanan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Nkraman atwa me ho ahyia nnebɔneyɛfoɔ kuo atwa me ho ahyia, wɔahwire me nsa ne me nan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Nnipa bɔne te sɛ akraman atwa me ho ahyia, na wɔbobom ba me so, wɔahwirew me nsa ne me nan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 22:16
27 Iomraidhean Croise  

Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, deɛn nti na woagya me? Me su a mesu mefrɛ woɔ ne me nkwagyeɛ ntam ware.


Hwim me kra firi nkrantɛ ano, m’ade koro no firi akraman nsam.


M’adɔfo ne me nnamfo afiri me haw no ho akɔgyina nkyɛn, na m’abusuafoɔ gyinagyina akyirikyiri.


Na wɔsane ba anwummerɛ, wɔpɔ so sɛ akraman na wɔdi kuro mu kyinhyia.


Wɔsane ba anwummerɛ, wɔpɔ so sɛ akraman, na wɔdi kuro mu kyinhyia.


Onyankopɔn, ahantanfoɔ asɔre atia me, na atirimuɔdenfoɔ asafo rehwehwɛ me kra, na wɔamfa wo ansi wɔn ani so.


Na ɔno deɛ, yɛn mmarato nti na wɔpiraa no, yɛn amumuyɛ nti na wɔdwerɛɛ no; yɛn asomdwoeɛ ho asotwe daa ne so, na ne mmaa ntampeɛ na wɔde asa yɛn yadeɛ.


Na wo nuanom nso ne w’agya fie, wɔn mpo twa wo nkontompo, wɔn nso wɔteam denden di w’akyi; sɛ wɔka nnɔkɔnnɔkɔsɛm kyerɛ wo a, nnye wɔn nni.


Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ.


Na wɔn a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa hɔ, faako a Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no ahyia no.


Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu no, wɔtwee ntonto kyɛɛ ne ntadeɛ (na ama deɛ wɔnam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ, wɔkyɛɛ me ntadeɛ mu maa wɔn ho, na wɔtwee ntonto wɔ me ntadeɛ so).


Mommfa deɛ ɛyɛ kronkron mmma nkraman, na monnto mo nhwene pa nngu mprako anim, na wɔamfa wɔn nan antiatia so, na wɔansane ammɛsunsuane mo.


Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, na wɔkyekyɛɛ ne ntadeɛ mu twee so ntonto, hwehwɛɛ deɛ ɛbɛyɛ obiara deɛ.


Na wɔde nne kɛseɛ kɔɔ so bisaa sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu; na wɔn nne boroo ne deɛ so.


Na wɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa bea no, ɛhɔ na wɔsɛnee no ne nnebɔneyɛfoɔ no, ɔbaako wɔ ne nifa, na ɔbaako wɔ benkum.


Na asraafoɔ no bɔɔ Yesu asɛnnua mu no, wɔfaa ne ntoma, na wɔkyɛɛ mu nnan maa ɔsraani baako nyaa baako, ne n’atadeɛ. Nso atadeɛ nhyɛaseɛ no nni mpameeɛ, wɔnwono firi soro bɛsii fam.


Na asraafoɔ no mu baako de pea wɔɔ ne mfe mu, na ntɛm ara na mogya ne nsuo firii mu baeɛ.


Na bio twerɛsɛm foforɔ se: Wɔbɛhwɛ deɛ wɔwɔɔ no (pea) no.


Ɛnna asuafoɔ no see no sɛ: Yɛahunu Awurade. Na Toma ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ manhunu ne nsam nnadewa no ananmu, na mamfa me nsateaa manka nnadewa no ananmu a, merennye menni.


Ɛnna afei ɔsee Toma sɛ: Fa wo nsateaa bra ha na bɛhwɛ me nsamu, na fa wo nsa bɛka me mfe mu, na nyɛ okyinnyegyefoɔ, na gye di!


Monhwɛ yie akraman no ho, monhwɛ yie adwumayɛfoɔ bɔne no ho, monhwɛ yie wɔ twetiatwafoɔ no ho!


Na kuro no akyiri na akraman ne adutofoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne wɔn a wɔpɛ atorɔ na wɔdie nyinaa wɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan