Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 22:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, deɛn nti na woagya me? Me su a mesu mefrɛ woɔ ne me nkwagyeɛ ntam ware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, deɛn nti na woagya me? Me su a mesu mefrɛ woɔ ne me nkwagyeɛ ntam ware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me? Adɛn nti na me nkwagye ne wo ntam aware, adɛn na mʼapinisi nsɛm ne wo ntam aware?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Me Onyankopɔn, me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me? Adɛn enti na me nkwagyeɛ ne wo ntam aware, adɛn na mʼapinisie nsɛm ne wo ntam aware?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woagyaw me? Me su a misu mefrɛ wo ne me nkwagye ntam ware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 22:1
23 Iomraidhean Croise  

Na m’apinisie abɛsi m’aduane ananmu, na mesu gu sɛ nsuo.


AWURADE, adɛn nti na wogyina akyirikyiri, na wode wo ho hunta ahokyere berɛ mu?


Onyankopɔn, fa me sie, na wo na medwane bɛtoa wo.


Mma me ne wo ntam nnware, na ahohia abɛn a ɔboafoɔ bi nni hɔ.


Nnipa bɔne te sɛ akraman atwa me ho ahyia, na wɔbom ba me so, wɔahwire me nsa ne me nan mu.


Nhwim me kra nka nnebɔneyɛfoɔ ho, anaasɛ me nkwa nka mogyapɛfoɔ ho nkɔ.


ɛfiri sɛ AWURADE dɔ atɛntenenee, na ɔrennya n’ahotefoɔ. Ɔhwɛ wɔn so daa, na abɔnefoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛyi wɔn hɔ.


mahodwo na mabubu pasaa, m’akoma apinisie nti mesu denden.


ka sɛ: Onyankopɔn apa no; monti no nkye no, na obi nni hɔ a ɔbɛgye no.


Mede me tenenee apinkyɛ, ɛnni akyiri, na me nkwagyeɛ renka akyi. Mede nkwagyeɛ bɛsi Sion, na mede m’animuonyam mama Israel.


Yɛn nyinaa pɔ so sɛ asisire, na yɛsi apini sɛ mmuburo; yɛtwɛn atemmuo nso ebi nni hɔ, ne nkwagyeɛ, na ɛne yɛn ntam ware.


bubu mu asinasini, na hwie ngo gu so, aduane afɔdeɛ ne no.


Na ɛbɛyɛ sɛ nnɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Eli, Eli, lama sabaktani? Ɛne sɛ: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me?


Na ɛbɔɔ awia nɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Eloi, Eloi, lama sabaktani? A nkyerɛaseɛ ne: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woapa me yi?


Na ɔwɔ owuo yea mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya ntowantowa a ɛsosɔ fam.


Na ɔsee wɔn sɛ: Yei ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ ɛtwa sɛ deɛ wɔatwerɛ Mose mmara ne Adiyifoɔ ne Nnwom mu, wɔ me ho no nyinaa ba mu.


Mommma sikanibereɛ mmma mo abrabɔ mu, na mo ani nsɔ deɛ mowɔ no; ɛfiri sɛ ɔno ara aka sɛ: Merennya wo, nanso merempa wo da.


Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no.


Na AWURADE din kɛseɛ no nti ɔrempa ne man, na ɛsɔ AWURADE ani sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan