Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 21:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 N’animuonyam so wo nkwagyeɛ nti, kɛseyɛ ne anidie na wode ama no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 N’animuonyam so wo nkwagyeɛ nti, kɛseyɛ ne anidie na wode ama no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nkonimdi a woma no nti, nʼanuonyam so; wode kɛseyɛ ne nidi adom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Nkonimdie a woma no enti, nʼanimuonyam so; wode kɛseyɛ ne anidie adom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 N’anuonyam so wo nkwagye nti, kɛseyɛ ne nidi na wode ama no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 21:5
24 Iomraidhean Croise  

Nanso yei da so yɛ w’ani so ketewa, O AWURADE Nyankopɔn; na woaka daakye a ɛwɔ akyirikyiri ho asɛm nso akyerɛ w’akoa fie; na woakyerɛ me awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba, AWURADE Nyankopɔn,


Na sɛ wonante m’akwan mu na wodi m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm so sɛdeɛ w’agya Dawid nanteeɛ a, mɛma wo nna aware.


na afei ma no nyɛ wo fɛ sɛ, wobɛhyira w’akoa fie, na ɛnsi w’anim daa. Na deɛ wo, AWURADE, wohyira no no na wɔahyira no.


AWURADE asɛm a ɔse me wura nie: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.


Ɛte sɛ Hermon bosuo a ɛsiane gu Sion mmepɔ soɔ, na ɛhɔ na AWURADE ahyɛ nhyira, aane, nkwa de kɔsi daa.


Na wo, AWURADE, wone me ho kyɛm, m’animuonyam ne me werɛkyekyefoɔ.


Ɔbɛtena Nyankopɔn anim daa, fa adɔeɛ ne nokorɛ hwɛ no so.


Nyankopɔn nsam na me nkwagyeɛ ne m’animuonyam wɔ, me botan a ɛyɛ den, me dwanekɔhyɛbea ne Onyankopɔn.


Na woama aka no kakraa bi na wasɛ Onyame, na wode animuonyam ne anidie abɔ no abotire.


Ɔhran ne animuonyam wɔ n’anim, tumi ne ahoɔfɛ wɔ ne kronkronbea hɔ.


Hwan ne oyi a ɔfiri Edom reba, deɛ ne ntadeɛ bere kɔɔ a ɔfiri Bosra reba yi? Oyi a wahuhuru wɔ n’aduradeɛ mu, na ɔkyea, ne tumi kɛseɛ mu yi? Ɛyɛ me a mereka ahosan akyerɛ, Otumfoɔ a ɔgye nkwa.


Na Yesu ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


Yeinom na Yesu kaeɛ, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ soro, na ɔkaa sɛ: Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba animuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo animuonyam,


Na mede animuonyam a wode ama me no mama wɔn, sɛ wɔnyɛ baako, sɛdeɛ yɛyɛ baako no.


Na afei, Agya, fa animuonyam a mewɔ no wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ara wo nkyɛn!


Na nsɛm a yɛreka yi mu titire nie: Yɛwɔ saa ɔsɔfo panin a wakɔtena tumi kɛseɛ ahennwa no nifa, ɔsoro


Ɔno na ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Nyankopɔn nifa, na abɔfoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan