Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 21:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 AWURADE, ma wo ho so w’ahoɔden mu, yɛde adwontoɔ ne sankuo bɛkamfo wo mmaninneɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 AWURADE, ma wo ho so w’ahoɔden mu, yɛde adwontoɔ ne sankuo bɛkamfo wo mmaninneɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Yɛma wo so, Awurade, wɔ wʼahoɔden mu; yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Adekyee forote” dwom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Yɛma wo so, Ao Awurade, wɔ wʼahoɔden mu; yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Adekyeeɛ foroteɛ” dwom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 AWURADE, ma wo ho so w’ahoɔden mu, yɛde dwonto ne sanku bɛkamfo wo mmaninne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 21:13
16 Iomraidhean Croise  

Wo AWURADE na kɛseyɛ, mmaninyɛ, animuonyam, nkonimdie ne aseda wɔ woɔ, na deɛ ɛwɔ ɔsoro ne asase soɔ nyinaa wɔ wo. Wo, AWURADE, na ahennie wɔ woɔ, na wo na wokorɔn wɔ adeɛ nyinaa soɔ.


Sɛ wɔdi no ɔhoɔdenfoɔ tumi so a, anka: Ɔnnie! Na sɛ atemmuo nso a, anka: Hwan na ɔbɛsane no?


Hwan na ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn a ne tenabea wɔ soro,


AWURADE te ase, na nhyira ne me botantim no. Na me nkwagyeɛ Nyankopɔn no, wɔmma no so.


Monyɛ komm na monhunu sɛ mene Onyankopɔn. Wɔmma me so amanaman mu, wɔmma me so asase so.


Onyankopɔn, ma wo ho so tena ɔsoro, ma w’animuonyam so asase nyinaa so.


Onyankopɔn, ma wo ho so tena soro, ma w’animuonyam so asase nyinaa so.


W’ahennie mmra, Deɛ wopɛ nyɛ wɔ Asase so, sɛdeɛ ɛyɛ wɔ ɔsoro.


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, Na yi yɛn firi bɔne mu. [Na wo na ahennie ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


kaa sɛ: Yɛda wo, Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ a na wowɔ hɔ dada, na wowɔ hɔ no ase, sɛ woafa wo tumi kɛseɛ, na woadi hene.


Ɔsoro ne mo ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan