Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 20:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Ɔnkae w’aduane afɔdeɛ nyinaa, na wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ n’ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ɔnkae w’aduane afɔdeɛ nyinaa, na wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ n’ani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa, na ɔmma wo hyew afɔre nsɔ nʼani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa na ɔmma wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ nʼani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ɔnkae w’aduan afɔre nyinaa, na wo hyew afɔre nsɔ n’ani. Sela

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 20:3
11 Iomraidhean Croise  

Na Habel nso de ne nnwan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔre no bi bɛmae. Na AWURADE ani sɔɔ Habel ne n’afɔrebɔdeɛ no,


Na Dawid sii hɔ afɔrebukyia maa AWURADE, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na ɔfrɛɛ AWURADE no, ɔde ogya firii soro gyee no so ɔhyeɛ afɔrebukyia no so.


Na Salomo wiee ne mpaebɔ no, ogya firi soro ba bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ no, na AWURADE animuonyam bɛyɛɛ asɔredan no ma.


AWURADE mfiri Sion nhyira wo, na hunu Yerusalem yiedie wo nkwa nna nyinaa,


AWURADE a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no mfiri Sion nhyira mo.


Ɛno na wobɛpɛ tenenee afɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne afɔdeɛ mu, ɛno na wɔde anantwinini bɛkɔ w’afɔrebukyia soɔ.


Wɔbɛboa Kedar nnwankuo nyinaa ano abrɛ wo, Nebaiot adwennini bɛsom wo; wɔde anisɔ bɛforo m’afɔrebukyia, na mɛhyɛ m’animuonyam fie no animuonyam.


Na ogya firii AWURADE anim bɛhyee afɔrebukyia no so ɔhyeɛ afɔdeɛ ne sradeɛ no. Na ɔman no nyinaa hunui, na wɔde anigyeɛ huroe, na wɔde wɔn anim butubutuu fam.


Na ɔhwɛɛ no dinn, na ɔsuroe. Na ɔse: Ɛyɛ deɛn, Awura? Na ɔsee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborɔhunu adeɛ no aforo soro abɛyɛ nkaeɛ adeɛ wɔ Onyankopɔn anim.


na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.


mo nso momma wɔmfa mo sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu nto aban, na moayɛ honhom mu dan, asɔfokuo kronkron, sɛ mobɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛnam Yesu Kristo so sɔ Nyankopɔn ani.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan