Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 2:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn n’abufuo mu, na ɔde n’abufuhyeɛ bɛyi wɔn hu aka sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn n’abufuo mu, na ɔde n’abufuhyeɛ bɛyi wɔn hu aka sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Afei ɔka wɔn anim wɔ nʼabufuw mu, hunahuna wɔn wɔ nʼabufuwhyew mu, ka se,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afei ɔka wɔn anim wɔ nʼabufuo mu hunahuna wɔn wɔ nʼabufuhyeɛ mu, ka sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn, n’abufuw mu, na ɔde n’abufuhyew beyi wɔn hu aka sɛ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 2:5
15 Iomraidhean Croise  

Yei ne me ho asɛmpɛfoɔ akatua a ɛfiri AWURADE nsam, ne wɔn a wɔka me kra ho asɛmmɔne no deɛ.


Wobɛyi wo ho adi ayɛ wɔn sɛ ogya fononoo, AWURADE de n’abufuo bɛmene wɔn, na ogya ahye wɔn.


na tenenee na ɔde bɛbu atɛn ama mmɔborɔni, na ɔde asɛntenenee adi ama asase so amanehunufoɔ; na ɔde n’anomu abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anomu honhom akum ɔbɔnefoɔ;


Na AWURADE abohuro bɛba amanaman nyinaa so, na abufuhyeɛ aba wɔn dɔm nyinaa so, wadome wɔn de wɔn ama okum.


Montie oo, ɛnne bi firi kuro no mu! Ɛnne bi firi asɔrefie! AWURADE a ɔtua n’atamfo nneyɛɛ so ka no nne!


na abofuo kɛseɛ na me bo afu amanaman a wɔte hɔ dwoodwoo no, ɛfiri sɛ me deɛ, me bo fuu kakraa bi, na wɔn deɛ, wɔboae maa no danee bɔne.


Na ɔhene no teeɛ no, ne bo fuiɛ, na ɔsomaa ne dɔm maa wɔkɔkunkumm awudifoɔ no, na wɔhyee wɔn kuro.


Na m’atamfoɔ a wɔmpɛ sɛ medi wɔn so hene no deɛ, momfa wɔn mmra ha, na mommɛkum wɔn m’anim!


na ɔkura nsoromma nson wɔ ne nifa mu, na afena anofanu nnamnnam firi n’anomu, na n’anim te sɛ owia rehyerɛn n’ahoɔden mu.


Na afena nnamnnam bi firi n’anomu a ɔde bɛbobɔ amanaman, na ɔde dadeɛ poma bɛyɛne wɔn. Na ɔno na ɔtiatia Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, abufuo a ɛyɛ den no nsa-kyi-amena no soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan