Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 19:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 AWURADE mmara yɛ pɛ, ɛdwodwo ɔkra. AWURADE adanseɛ atim, ɛma awiɛmfoɔ hunu nyansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 AWURADE mmara yɛ pɛ, ɛdwodwo ɔkra. AWURADE adanseɛ atim, ɛma awiɛmfoɔ hunu nyansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade mmara yɛ pɛ, ɛkanyan ɔkra no. Ahotoso wɔ Awurade nhyehyɛe mu, ɛma nea onnim nyansa hu nyansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade mmara yɛ pɛ, ɛkanyane ɔkra no. Ahotosoɔ wɔ Awurade nhyehyɛeɛ mu, ɛma deɛ ɔnnim nyansa hunu nyansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 AWURADE mmara yɛ pɛ, edwudwo ɔkra. AWURADE adanse atim, ɛma awiɛmfo hu nyansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 19:7
41 Iomraidhean Croise  

Aane, ɛnyɛ saa na me fie teɛ wɔ Nyankopɔn nkyɛn? Na ɔne me apam daa apam, wasiesie nnoɔma nyinaa mu na wɔhwɛ so. Na me mmoa nyinaa ne deɛ mepɛ nyinaa, ɔremma no mfefɛ anaa?


N’anomu mmara, mamfiri ho, makora n’anomu nsɛm sene deɛ ɛhia me.


Ne nsa ano nneyɛɛ yɛ nokorɛ ne atemmuo, n’ahyɛdeɛ nyinaa tim hɔ pintinn.


W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.


Mafa w’adansesɛm mayɛ m’agyapadeɛ daa, na ɛno na ɛma m’akoma ani gyeɛ.


Wo nsɛm mu bue ma hann, ɛma nkwaseafoɔ hunu nyansa.


W’adansesɛm kwan mu na m’ani gyeɛ, sɛdeɛ ɛgye ahonyadeɛ bi ho.


Mehunuu w’adansesɛm mu akyɛ, sɛ woama no atim sɛ ɛnsi hɔ daa.


W’adansesɛm yɛ m’adɔdeɛ, na ɛyɛ m’agyinatufoɔ.


W’anomu mmara yɛ ma me sene sika ne dwetɛ mpempem.


Ɛdeɛn na aberanteɛ de bɛte ne kwan ho? Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛdeɛ wo nsɛm seɛ.


Na Onyankopɔn yi deɛ, ne kwan yɛ pɛpɛ, AWURADE asɛm mu te, ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.


Ɔdwodwo me kra, ɔde me fa akwantenenee so, ne din nti.


W’adansesɛm yɛ nokorɛ pii; kronkronyɛ na ɛfata wo fie, AWURADE, nnasanten nyinaa.


sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa aniteɛ, aberanteɛ nso nimdeɛ ne adwempa:


Kyekyere adanseɛ no, sɔ nkyerɛkyerɛ no ano m’asuafoɔ mu.


Wɔnni mmara ne adanseɛ no akyi! Sɛ wɔanka no sɛdeɛ asɛm yi teɛ a, ɛnneɛ adeɛ renkye wɔn.


Mohwehwɛ atwerɛsɛm no mu, ɛfiri sɛ mosusu sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; na ɛno ne deɛ ɛdi me ho adanseɛ,


Ɔno na adiyifoɔ nyinaa di ne ho adanseɛ sɛ: Obiara a ɔgye no die no nam ne din so bɛnya bɔne fakyɛ.


Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwene mu foforɔyɛ nsakyera mo ho, na moasɔ deɛ Onyankopɔn pɛ a ɛyɛ, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.


Na biribiara a wɔatwerɛ ato hɔ no, wɔatwerɛ ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne twerɛ nsɛm no mu awerɛkyekyerɛ so nnya anidasoɔ.


Ɛdɔɔso akwan ahodoɔ nyinaa mu. Deɛ ɛdi kan ne sɛ, wɔde Nyankopɔn nsɛm ahyɛ wɔn nsa.


Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ tenenee; ɔyɛ nokorɛ Nyankopɔn na nkontompo nni ne mu; ɔteneneeni ne teefoɔ ne no.


Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree, monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho, nyansa nyinaa mu, momfa sankuo so nnwom, ne ayeyie, nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛ so wɔ mo akoma mu mma Onyankopɔn.


Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade adansedie ne me a meyɛ ne deduani no ho, na mmom hunu asɛmpa no ho amane bi, sɛdeɛ Nyankopɔn ahoɔden teɛ no.


Nanso Nyankopɔn nnyinasoɔ tim hɔ pintinn kura nsɔano yi: Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ; ɛne: Ma obiara a ɔbɔ Awurade din ntwe ne ho mfiri deɛ ɛntene ho.


Akyɛdeɛ pa nyinaa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi soro, ɛfiri hann Agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakyeraeɛ ne adaneadane sunsum nni ne mu.


Mma mmara nwoma yi mmfiri w’anomu, na dwene ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛ deɛ wɔatwerɛ no wɔ mu nyinaa teɛ no: Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ɛbɛsi wo yie.


Na mehwee ne nan ase mekotoo no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wɔkura Yesu adanseɛ no mu bi. Koto Onyankopɔn! Na Yesu adanseɛ ne adiyie honhom no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan