Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 18:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Mesu mefrɛ AWURADE, ɔno a ɔfata sɛ wɔyi no ayɛ, na wɔagye me m’atamfoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Mesu mefrɛ AWURADE, ɔno a ɔfata sɛ wɔyi no ayɛ, na wɔagye me m’atamfoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Misu frɛ Awurade; ɔno na ayeyi sɛ no, efisɛ ogye me fi mʼatamfo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mesu frɛ Awurade; ɔno na ayɛyie sɛ no, ɛfiri sɛ ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Misu mefrɛɛ, AWURADE, ɔno a ɔfata sɛ wɔyi n'ayɛ, na wɔagye me m’atamfo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 18:3
26 Iomraidhean Croise  

AWURADE a ɔfata sɛ wɔyi no ayɛ no na mesu mefrɛ no, na ɔgye me m’atamfoɔ nsam.


Na Lewifoɔ no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabneia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kaa sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfiri daa nkɔsi daa; na wɔnhyira w’animuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyie nyinaa soɔ no.


Nhyira ne AWURADE, me botan a ɔkyerɛkyerɛ me nsa ɔsa ne me nsateaa akodie.


AWURADE so, na ɔsɛ ayeyie kɛse, ne kɛseyɛ mu nni hwehwɛeɛ.


Mede me nne mesu mefrɛ AWURADE, na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron so.


Wobɛyi me afiri afidie a wɔahunta asum me no mu, na wo ara ne m’aban a ɛyɛ den.


AWURADE yɛ kɛse, na wɔyi no ayɛ sɛ, yɛn Nyankopɔn kuro mu, ne bepɔ kronkron so.


na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Me deɛ, mɛsu mafrɛ Onyankopɔn, na AWURADE abɛgye me.


Mobɛha ɔbaakofoɔ akɔsi da bɛn, na mo nyinaa adwiri no sɛ ɔfasuo a akyea ne ɛban a agoɔ?


Nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto ne so daa. Monyi mo yam nkyerɛ no, Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔhyɛbea.


Yɛ sɛ ɔbotan a mɛtena so maba hɔ daa. Woahyɛ sɛ wɔnnye me nkwa, na wone me botan ne me ho fasuo.


W’anim yɛ nyam, na ɛhran sene asadeɛ mmepɔ no.


Ɔsu frɛ me, na mɛgye no so, me ne no bɛtena ahohia mu, mɛyi no na mahyɛ no animuonyam.


bɛse AWURADE sɛ: Me dwanekɔbea ne m’abankɛseɛ, me Nyankopɔn a mede me ho meto wo soɔ.


Na AWURADE yɛ kɛseɛ, na ɔsɛ ayeyie sɛ, ne ho yɛ hu, anyame nyinaa so,


O AWURADE, m’ahoɔden ne m’aban denden, me dwanekɔbea ahohiahia da mu, wo nkyɛn na amanaman bɛfiri asase anoano aba abɛka sɛ: Atorɔ nko ne yɛn agyanom awunnyadeɛ no, ahuhudeɛ a mfasoɔ nni mu.


sɛ wɔnnye yɛn mfiri yɛn atamfoɔ ne wɔn a wɔkyiri yɛn nyinaa nsam;


Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no, wɔbɛgye no nkwa.


Yɛn Awurade ne yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wogye animuonyam ne anidie ne tumi, ɛfiri sɛ wo na wobɔɔ nnoɔma nyinaa, na wo pɛ nti na wɔwɔ hɔ, na wɔbɔeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan