Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 17:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Nnipa nneyɛɛ fam, w’anomu asɛm no nti masɔre me ho, awerɛmfoɔ akwan ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Nnipa nneyɛɛ fam, w’anomu asɛm no nti masɔre me ho, awerɛmfoɔ akwan ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nnipa nneyɛe fam no, anom asɛm nti matwe me ho afi basabasayɛfo akwan ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nnipa nneyɛɛ fam no, wʼanomu asɛm enti matwe me ho afiri basabasayɛfoɔ akwan ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Nnipa nneyɛe fam, w’anom asɛm no nti masɔre me ho, awerɛmfo akwan ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 17:4
20 Iomraidhean Croise  

Na asase asɛe wɔ Nyankopɔn anim, na awurukasɛm ahyɛ asase so ma.


Na AWURADE hunuu sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn akoma mu nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.


Na nkantom deɛ ne ho yɛ nwunu na waporɔ, onipa a ɔnom amumuyɛ sɛ nsuo!


sɛ mekataa me mmarato so sɛ Adam, na mede m’amumuyɛ mesiee me kokom,


Ɛnna Yesu see no sɛ: Firi hɔ, Satan! na wɔatwerɛ sɛ: Koto sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.


Na ɔbuaa sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Ɛnyɛ paanoo nko na onipa nam so bɛtena aseɛ, na mmom asɛm biara a ɛfiri Nyankopɔn anomu ba no so.


Yesu see no sɛ: Wɔatwerɛ bio sɛ: Nsɔ Awurade, wo Nyankopɔn, nhwɛ!


Yɛ wɔn kronkron wɔ nokorɛ mu; w’asɛm yɛ nokorɛ.


Na moda so ara yɛ honam mufoɔ. Na ɛberɛ a ahoɔyea ne aperepereɛ wɔ mo mu yi, monyɛ honam mufoɔ, na ɛnyɛ nnipasɛm na moredi yi anaa?


na momfa nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ ne honhom nkrantɛ a ɛne Nyankopɔn asɛm,


Ɔnam ɔno ara ne pɛ so na ɔde ne nokwasɛm woo yɛn, sɛ yɛnyɛ n’abɔdeɛ no mu adekan bi.


Mo ani nna hɔ, monwɛn, ɛfiri sɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene.


Na wɔnam Adwammaa no mogya ne wɔn adanseɛ asɛm no so adi ne so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbɛwuo.


Na wɔwɔ wɔn so hene a ɛyɛ bunu no mu bɔfoɔ a wɔfrɛ ne din wɔ Hebri kasa mu sɛ Abadon, na Hela kasa mu deɛ, ɔde Apolion.


AWURADE mma no mpare me sɛ mɛtene me nsa maka deɛ AWURADE asra no no. Na afei fa pea a ɛwɔ n’atifi no ne nsuo kuruwa no na yɛnkɔ.


Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Nku no, na hwan na ɔtene ne nsa ka deɛ AWURADE asra no na ɔdi bem?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan