Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 16:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 AWURADE ne m’agyapadeɛ mu kyɛfa ne me kuruwa, wo na me nkrabea kura wo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 AWURADE ne m’agyapadeɛ mu kyɛfa ne me kuruwa, wo na me nkrabea kura wo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me; woama me kyɛfa anya bammɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me; woama me kyɛfa anya banbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 AWURADE ne m’agyapade ne me kuruwa mu kyɛfa, wo na woma me nkrabea mu trɛw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 16:5
28 Iomraidhean Croise  

Ɔbɛma asraman aduru abɔnefoɔ, ogya ne sɔfe ne mframa a ɛderɛ ne wɔn kuruwa mu kyɛfa.


Mɛma nkwagyeɛ kuruwa so, na mabɔ AWURADE din.


AWURADE, me kyɛfa ne wo, maka sɛ mɛdi wo nsɛm so.


Na bɔne ahempoma rentena ateneneefoɔ kyɛfa so, na ateneneefoɔ antene wɔn nsa ansɔ amumuyɛ mu.


AWURADE aka Dawid ntam nokorɛ mu a ɔnnane ani: Mede wo yafumma mu bi matena w’adwa so mama wo.


Mesu mefrɛ wo, AWURADE. Mese: Wone me dwanekɔbea, me kyɛfa, ateasefoɔ asase so.


Me AWURADE na masi me hene, me bepɔ kronkron Sion so.


Woto me pono, m’atamfoɔ anim, wode ngo fɔ me tirim, me kuruwa yɛ ma bu so.


Ma me honam ne m’akoma nwie sa, Onyankopɔn ne m’akoma botan ne me kyɛfa daa.


Mɛma w’asefoɔ atim akɔsi daa, na mama w’ahennwa asi so akɔduru awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ so.


Woatena atemmuo adwa so abu atɛn tenenee, Woadi m’asɛm abu me bem.


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden nie, deɛ mayi no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu ne so; ɔde atemmuo bɛfiri akɔ amanaman mu.


Saa nti mɛkyɛ adeɛ mu mama no nnipa bebree mu na ɔne ahoɔdenfoɔ akyɛ asadeɛ, ɛfiri sɛ ɔde ne kra too hɔ maa owuo, na wɔabu no afra mmaratofoɔ mu, nso ɔno na wasoa nnipa bebree bɔne, na wadi ama mmaratofoɔ.


Yakob kyɛfa nte sɛ yeinom, na nnoɔma nyinaa yɛfoɔ ne no, na Israel ne n’apɛgyadeɛ a ne poma di soɔ; asafo AWURADE ne ne din.


Me kra se: AWURADE ne me kyɛfa, ɛno nti m’ani da ne so ara.


Yesu yi ara na Onyankopɔn anyane no; ɛho adansefoɔ na yɛn nyinaa yɛ.


ɔno na Onyankopɔn maa no so kɔɔ ne nifa sɛ Ɔsafohene ne Agyenkwa, sɛ ɔmma Israel adwensakyera ne bɔne fakyɛ.


Na ɛtwa sɛ ɔdi hene kɔsi sɛ ɔde atamfoɔ no nyinaa bɛhyɛ ne nan ase.


Na mommmoro nsa, ɛfiri sɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu.


na ɔrennya agyapadeɛ ne nuanom mu; AWURADE ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ no no.


Na AWURADE kyɛfa ne ne man, Yakob ne n’agyapadeɛ a wɔasusu ama no.


Na ɛhyeɛ na AWURADE de Yordan yɛɛ no yɛn ne mo Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ntam, monni kyɛfa biara wɔ AWURADE mu; na mo mma bɛma yɛn mma agyae AWURADE suro.


na mmom sɛ ɛnyɛ yɛn ne mo ne yɛn awoɔ ntoatoasoɔ a wɔbɛba yɛn akyire no ntam adanseɛ sɛ yɛde yɛn hyeɛ afɔdeɛ ne yɛn kum afɔdeɛ ne yɛn asomdwoeɛ afɔdeɛ bɛsom AWURADE som no n’anim, na ɔkyena bi mo mma anka ankyerɛ yɛn mma sɛ: Monni AWURADE mu kyɛfa bi!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan