Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 15:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Ɔmfa ne sika mma nnye nsiho, na ɔnnye deɛ ɔdi bem ho adanmudeɛ. Deɛ ɔyɛ yeinom no ɔrehinhim ara da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Ɔmfa ne sika mma nnye nsiho, na ɔnnye deɛ ɔdi bem ho adanmudeɛ. Deɛ ɔyɛ yeinom no ɔrehinhim ara da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 nea ɔde ne sika bɔ bosea a onnye nsiho na onnye adanmude ntia nea odi bem. Nea ɔyɛ eyinom no renhinhim da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 deɛ ɔde ne sika bɔ bosea a ɔnnye nsiho na ɔnnye adanmudeɛ ntia deɛ ɔdi bem. Deɛ ɔyɛ yeinom no renhinhim da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Ɔmfa ne sika mma nnye mfɛntom, na onnye nea odi bem hɔ adammude. Nea ɔyɛ eyinom no, ɔrenhinhim ara da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 15:5
29 Iomraidhean Croise  

Nhyira ne wɔn a wɔkura atemmuo mu, ne deɛ ɔdi asɛntenenee daa nyinaa.


Na ɔrenhinhim da biara da, ɔteneneeni bɛyɛ daa nkaeɛ.


Mede AWURADE masi m’anim daa, na ɔwɔ me nifa yi, merenhinhim.


Dane w’adesoa to AWURADE so, na ɔbɛsɔ wo mu, ɔremma ɔteneneeni ntwe n’anan mu da.


na m’abufuo ano ayɛ den, na mede nkrantɛ maku mo, na mo yerenom adanedane akunafoɔ, na mo mma ayeyɛ nwisiaa.


Sɛ wofɛm me man mu mmɔborɔni bi a ɔne wo wɔ hɔ sika a, ɛnyɛ no sɛ ɔpempensifoɔ; monnnye no nsiho.


Ɔteneneeni remfiri n’ananmu da biara da, na abɔnefoɔ deɛ wɔrentena asase so.


Onipa remfa abɔnefosɛm so ntim, na ateneneefoɔ nhini rempusu.


Amim mu mfasopɛfoɔ sɛe ne fie, na deɛ ɔkyiri akyɛdeɛ bɛtena ase.


Deɛ ɔnam tenenee mu, na ɔka deɛ ɛtene, deɛ ɔkyiri apempensika, deɛ ɔtwe ne nsa na ansɔ anadwodeɛ mu, deɛ ɔsisi n’aso na ante mogya ho asɛm, na ɔmua n’ani na anhunu bɔne,


na ɔsianka ne nsa firi mmɔborɔni ho, na ɔnnye mfɛntomu ne nsiho, na ɔyɛ m’atemmudeɛ nam m’ahyɛdeɛ mu a, ɔno deɛ, ɔrenwu n’agya amumuyɛ mu; nkwa na ɔbɛnya.


Nso sɛ ɔbɔnefoɔ sane firi n’abɔnefosɛm a wadie no ho bɛyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ a, ɔno deɛ, wagye ne kra nkwa.


na ɔmmɔ bosea na ɔnnye nsiho, na ɔtwe ne nsa firi abusudeɛ ho, na ɔbu onipa ne onipa ntam atɛntenenee,


Wo mu na wɔgyegye adanmudeɛ, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo. Wogyegye mfɛmtomu ne nsiho, na wode apempensie fa wo yɔnko so, na me deɛ, wo werɛ afiri me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Wɔn nsa gu bɔne so sɛ ɛnyɛ yie; ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufoɔ pɛ kɛtɛasehyɛ, na onipa kɛseɛ ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm, sɛdeɛ wɔbom nwono amumuyɛ ne no.


sɛ: Ɛdeɛn na mobɛma me na mayi no ahyɛ mo nsa? Na wɔkarii nnwetɛbena aduasa de maa no.


Sɛ monim yeinom na moyɛ a, nhyira ne mo.


Nnane atemmuo ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adanmudeɛ; na adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani, na ɛdane teneneefoɔ nsɛm ani butu.


Sɛ wohyɛ AWURADE wo Nyankopɔn bɔ a, nyɛ nyaa sɛ wobɛtua, ɛfiri sɛ ɔbɛhwehwɛ no wo hɔ, na adane wo bɔne.


Hwɛ, menie, monni me adanseɛ AWURADE ne deɛ wasra no yi anim, hwan nantwie na mafa? Na hwan afunumu na mafa? Na hwan na madi no amim? Na hwan na mahyɛ ne soɔ anaa hwan hɔ na magye adanmudeɛ na mede mamua m’ani mama no? Na mennane memma mo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan