Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 15:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ɔno ara n’ani so ɔbu onipa huhuo animtia, na ɔdi wɔn a wɔsuro AWURADE no ni, ɔka amanenya ntam a, ɔnsakyera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɔno ara n’ani so ɔbu onipa huhuo animtia, na ɔdi wɔn a wɔsuro AWURADE no ni, ɔka amanenya ntam a, ɔnsakyera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 nea obu afideyɛni animtiaa na ɔde nidi ma wɔn a wosuro Awurade, nea odi ne ntam so, bere a etia no mpo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 deɛ ɔbu afideyɛni animtiaa na ɔde anidie ma wɔn a wɔsuro Awurade, deɛ ɔdi ne ntam so ɛberɛ a ɛtia no mpo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 N’ankasa n’ani so obu onipa huhuw animtiaa, na odi wɔn a wosuro AWURADE no ni, ɔka amanenya ntam a, ɔnsakra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 15:4
20 Iomraidhean Croise  

Afei nso ɔtee Ɔhene Nebukadnessar a ɔmaa no kaa Nyankopɔn ntam no anim atua. Na ɔsenee ne kɔn na ɔpirim n’akoma sɛ ɔrensane mma AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn.


Na ɔhene nkoa a wɔte ɔhene ponkɛseɛ mu nyinaa koto sɔree Haman, ɛfiri sɛ saa na na ɔhene ahyɛ ama no. Na Mordekai deɛ, wankoto na wansɔre no.


Akoma kontonkyi mpare me, bɔne rensɔ m’ani.


M’ani wɔ asase so nokwafoɔ so, sɛ wɔmmɛtena me ho; deɛ ɔnam pɛyɛ kwan soɔ no, ɔno na ɔmmɛsom me.


Meyɛ wɔn a wɔsuro woɔ nyinaa adamfo, ɛne wɔn a wɔdi wo nsiesieeɛ soɔ.


Na akronkronfoɔ a wɔwɔ asase soɔ no, wɔne animuonyamfoɔ a wɔsɔ m’ani koraa.


Bio, moate sɛ wɔsee tetefoɔ no sɛ: Nka ntanhunu, na fa wo ntankadeɛ ma Awurade.


Na ɔreka tenenee ne anidahɔ ne atemmuo a ɛreba no ho asɛm no, Felike suroe, na ɔkaa sɛ: Seesei deɛ, kɔ, na menya adagyeɛ a, mɛma wɔabɛfrɛ wo.


Wɔdii yɛn ni pii, na yɛfiri hɔ rekorɔ no, wɔde nnoɔma a ɛhia yɛn no brɛɛ yɛn.


Yɛn deɛ, yɛnim sɛ yɛatwa mu afiri owuo mu akɔ nkwa mu, ɛfiri sɛ yɛdɔ anuanom. Deɛ ɔnni dɔ no te owuo mu.


Na ɔhunuu no no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu kaa sɛ: Ao, me ba! Woabrɛ me ase papaapa, na woaho me werɛ! Ɛfiri sɛ, mabue m’ano mama AWURADE, na mentumi mensane m’akyi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan