Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 15:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Deɛ ɔnante pɛpɛɛpɛ na ɔdi asɛntenenee, na ɔka n’akomam nokorɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Deɛ ɔnante pɛpɛɛpɛ na ɔdi asɛntenenee, na ɔka n’akomam nokorɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nea ne ho nni asɛm na ɔyɛ nea ɛteɛ, nea ɔka nokware a efi ne koma mu

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Deɛ ne ho nni asɛm na ɔyɛ deɛ ɛtene, deɛ ɔka nokorɛ a ɛfiri nʼakomam

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Nea ɔnantew pɛpɛɛpɛ, na odi asɛntrenee, na ɔka ne komam nokware.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 15:2
23 Iomraidhean Croise  

Deɛ efi nni ne nsam na n’akomam teɛ, deɛ ɔmma ne kra ani nsa ahuhudeɛ, na ɔnka nkontompo ntam.


Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma adom ne animuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.


Ɔteneneeni a ɔnam ne pɛyɛ mu, wɔbɛhyira ne mma wɔ n’akyi.


Deɛ ɔnam pɛyɛ mu no bɛnya nkwa, na deɛ ɔkyea akwan mmienu mu no bɛhwe baako mu.


Deɛ ɔnam tenenee mu, na ɔka deɛ ɛtene, deɛ ɔkyiri apempensika, deɛ ɔtwe ne nsa na ansɔ anadwodeɛ mu, deɛ ɔsisi n’aso na ante mogya ho asɛm, na ɔmua n’ani na anhunu bɔne,


Na ɔse: Me man ara ne wɔn, mma a wɔrenni atorɔ, na ɔyɛɛ wɔn agyenkwa.


Yakob fie, wɔnka sɛ AWURADE honhom nni boasetɔ anaa? Yeinom ne ne nneyɛɛ anaa? Ɛnyɛ yie na me nsɛm yɛ deɛ ɔnam tee no?


Na wɔn baanu nyinaa tene wɔ Nyankopɔn anim di Awurade ahyɛdeɛ ne teneneedeɛ nyinaa so a ɛho nni asɛm,


na mmom ɔman biara mu deɛ ɔsuro no, na ɔyɛ ade tenenee no, ɔpɛ sɛ ɔgye no.


na mmom wɔn a wɔyɛ papa no nyinaa deɛ, animuonyam ne anidie ne asomdwoeɛ bɛba ama wɔn, Yudafoɔ kane ne Helafoɔ nso bi.


Na mehunuu sɛ, wɔnnante tee sɛdeɛ asɛmpa no nokorɛ teɛ no, meka mekyerɛɛ Kefa wɔ wɔn nyinaa anim sɛ: Sɛ wo a woyɛ Yudani, wobɔ wo bra sɛ amanaman muni, na ɛnyɛ sɛ Yudani a, adɛn na wohyɛ amanaman mufoɔ sɛ wɔnyɛ sɛ Yudafoɔ?


Na yɛyɛ n’adwinneɛ a ɔyɛeɛ, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnante mu no.


Enti monyi atorɔ ntwene, na obiara nni ne yɔnko nokorɛ, ɛfiri sɛ yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.


Monnnidi atorɔ nnkyerɛkyerɛ mo ho, ɛfiri sɛ moayi onipa dada no ne ne nneyɛɛ agu,


Wɔn na wɔnam gyidie so ko dii ahennie ahodoɔ so nkonim, dii asɛntenenee, nyinyaa bɔhyɛ, sii agyata ano,


Sɛ monim sɛ ɔyɛ ɔteneneeni a, anka mobɛhunu sɛ obiara a ɔyɛ ade tenenee no, ɔno na Onyankopɔn awo no.


Deɛ ɔka sɛ ɔte ne mu no, ɛsɛ no sɛ ɔnante sɛdeɛ ɔno nso nanteeɛ.


Mma nkumaa, mommma obiara nnnaadaa mo. Deɛ ɔyɛ deɛ ɛtene no, ɔtene sɛdeɛ ɔno nso tene.


Na ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nnie ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfe dɛre mu no mu, ɛno ne owuprenu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan