Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 148:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Wɔnyi AWURADE din ayɛ, sɛ ne din nko na ɛso; n’animuonyam tra asase ne ɔsoro so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Wɔnyi AWURADE din ayɛ, sɛ ne din nko na ɛso; n’animuonyam tra asase ne ɔsoro so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Ma wɔnkamfo Awurade din, na ne din so sen din biara; nʼanuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Ma wɔnkamfo Awurade din, na ne din so sene edin biara; nʼanimuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Wonyi AWURADE din ayɛ, sɛ ne din nko na ɛso, n’anuonyam tra asase ne ɔsoro so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 148:13
21 Iomraidhean Croise  

Wo AWURADE na kɛseyɛ, mmaninyɛ, animuonyam, nkonimdie ne aseda wɔ woɔ, na deɛ ɛwɔ ɔsoro ne asase soɔ nyinaa wɔ wo. Wo, AWURADE, na ahennie wɔ woɔ, na wo na wokorɔn wɔ adeɛ nyinaa soɔ.


Na w’adɔeɛ so tra ɔsoro, na wo nokorɛ duru ewiem tɔnn.


Wɔama AWURADE so amanaman nyinaa so, n’animuonyam tra ɔsoro.


Momma deɛ ɛhome nyinaa nyi AWURADE ayɛ. Monyi AWURADE ayɛ!


Wɔsum m’anammɔn fidie, me kra brɛɛ ase, wɔtuu me kwan mu amena, wɔn ankasa ahwehwe mu.


na nhyira ne n’animuonyam din daa, na n’animuonyam nhyɛ asase nyinaa ma. Amen ne Amen.


Ao, AWURADE, yɛn Awurade, enim bɛn na wo din nni asase nyinaa soɔ! Wo a wode w’animuonyam akata ɔsoro.


Wo a w’animuonyam pue firi mmɔfra ne nkɔkoaa anomu. Wo na woasiesie abankɛseɛ, w’atamfo nti, na wode amua ɔtamfoɔ ne ɔweretɔfoɔ ano.


Ao, AWURADE, yɛn Awurade, enim bɛn na wo din nni asase nyinaa soɔ!


Momma AWURADE, yɛn Nyankopɔn, so, na monkoto nsɔre wɔ ne bepɔ kronkron so, na AWURADE, yɛn Nyankopɔn, ne kronkron.


N’anomu wɔ adɔkɔdɔkɔwadeɛ, na ne ho nyinaa yɛ akɔnɔdeɛ ara nko. Me dɔfoɔ nie, na m’adamfo nie, O Yerusalem mmammaa.


Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene ɔdɔfoɔ bie, O mmaa mu ɔhoɔfɛni? Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene ɔdɔfo bie, sɛ woka ntam gu yɛn so seyie?


Na da no mobɛka sɛ: Monna AWURADE ase; mommɔ ne din. Momma wɔnhunu ne nneyɛɛ, aman mu. Monka sɛ wɔama ne din so!


Wɔama AWURADE so, na ɔte soro tɔnn; ɔde atemmuo ne tenenee bɛhyɛ Sion ma.


Na oyi team kyerɛ oyi sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo AWURADE! N’animuonyam ahyɛ asase nyinaa ma.


Na ne yie ne sɛn, na n’ahoɔfɛ ne sɛn? Aduane bɛma mmeranteɛ ayɛ tokotokoo na nsamono nso ama mmabaa ayɛ saa ara.


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, Na yi yɛn firi bɔne mu. [Na wo na ahennie ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


Ampa ara, deɛ ɔsianeeɛ no ara ne deɛ ɔsiane nso foro traa ɔsorosoro nyinaa so ama wahyɛ nnoɔma nyinaa ma no.)


Nanso ampa ara meda so mebu nnoɔma nyinaa adehwereɛ, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro soɔ no nti. Ne nti na mebuu nnoɔma no nyinaa adehwereɛ, na mebu no sɛ sumina so adeɛ, na Kristo ayɛ me mfasoɔ,


Ɔno na ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Nyankopɔn nifa, na abɔfoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan