Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 146:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Ɔbu atɛn ma wɔn a wɔdi wɔn amim, ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane. AWURADE tu nneduafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Ɔbu atɛn ma wɔn a wɔdi wɔn amim, ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane. AWURADE tu nneduafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Odi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, na ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan. Awurade gyaa nneduafo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔdi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, na ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane. Awurade gyaa nneduafoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Obu atɛn ma wɔn a wodi wɔn amim, ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan. AWURADE tu nneduafo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 146:7
27 Iomraidhean Croise  

sɛ wobɛdi awisiaa ne deɛ wɔhyɛ no soɔ no asɛm, na ɔdasani a ɔfiri asase mu no anhunahuna bio.


AWURADE di asɛntenenee, na ɔbu atɛn gye wɔn a wɔhyɛ wɔn soɔ nyinaa.


Mmɔborɔfoɔ so hyɛ ne ahiafoɔ apinisie nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE seɛ ni, mɛgye deɛ ɔgu ahome repɛ nkwagyeɛ no nkwa.


Ɔma honam nyinaa aduane, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Yi me kra firi afiase, na mayi wo din ayɛ. Ateneneefoɔ bɛtwa me ho ahyia sɛ wo ne me adi no yie.


Me nnompe nyinaa bɛka sɛ: AWURADE, hwan na ɔte sɛ wo a wogye ɔmanehunufoɔ deɛ ɔyɛ den sene no no nsam ne ɔmanehunufoɔ ne ohiani firi ne dwotwafoɔ no nsam.


Onyankopɔn ma ɔhokwafoɔ nya mpɔn-ne-mma, ɔtu apokyerɛfoɔ ma wɔbɛdi yie, na mansotwefoɔ deɛ, wɔte nkyɛkyerɛ so.


Onyankopɔn, wofirii adi dii wo man anim, wofaa ɛserɛ pradada soɔ no,


Ɔbɛbu ɔman mu amanehunufoɔ atɛn, na wagye ahiafoɔ mma nkwa, na wabubu nhyɛsofoɔ mu pasapasa.


AWURADE ayi ne ho adi, wabu atɛn, ɔde ɔbɔnefoɔ nsam nneyɛɛ atoatoa no.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ AWURADE asra me ngo sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufoɔ; wasoma me sɛ memmɛkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ, mempae ahofadie menkyerɛ nnommum ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfoɔ,


Na wɔn adesoa dua ne wɔn akyiri abaa ne wɔn kafoɔpoma no, woabubu mu sɛ Midian da no.


Na mɛma sradeɛ amee asɔfoɔ no kra, na me man adi me nnepa ameemee, AWURADE asɛm nie.


Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Ɔde nnepa ahyɛ wɔn a ɛkɔm de wɔn ma, na wagya ahonyafoɔ kwan yafumpan.


Awurade honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafoɔ; wasoma me sɛ memmɛka ɔgyeɛ menkyerɛ nnommum ne adehunu menkyerɛ anifirafoɔ, na memmrɛ wɔn a wɔapɛkyɛ wɔn no ahofadie,


Na wɔdii, na wɔn nyinaa meemee, na wɔtasee mporoporowa a ɛkaeɛ no nkɛntɛn dummienu.


Na mpofirim ara asasewosoɔ kɛseɛ maa afiase no nnyinasoɔ wosoe, na amonom hɔ ara apono no nyinaa buebuee, na wɔn nyinaa ahoma sanesanee.


Na Awurade bɔfoɔ bɛhinii afiase no apono anadwo, na ɔde wɔn firi adi kaa sɛ:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan