Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 146:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Nhyira ne deɛ Yakob Nyankopɔn ne ne boafoɔ, deɛ n’ani da AWURADE, ne Nyankopɔn, soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Nhyira ne deɛ Yakob Nyankopɔn ne ne boafoɔ, deɛ n’ani da AWURADE, ne Nyankopɔn, soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nhyira ne nea ne boafo ne Yakob Nyankopɔn, nea nʼanidaso wɔ Awurade, ne Nyankopɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Nhyira ne deɛ ne ɔboafoɔ ne Yakob Onyankopɔn, deɛ nʼanidasoɔ wɔ Awurade, ne Onyankopɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Nhyira ne nea Yakob Nyankopɔn ne ne boafo, nea n’ani da AWURADE, ne Nyankopɔn, so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 146:5
17 Iomraidhean Croise  

Monka nkyerɛ Yosef sɛ: Mesrɛ wo, fa wo nuanom amumuyɛ ne wɔn bɔne kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔayɛ wo bɔne. Na afei yɛsrɛ wo, fa w’agya Nyankopɔn nkoa amumuyɛ no kyɛ wɔn. Na wɔkaa saa kyerɛɛ Yosef no, ɔsui.


Nhyira ne ɔman a wɔte sɛɛ, nhyira ne ɔman a AWURADE ne wɔn Nyankopɔn.


Wɔn deɛ, wɔbubu duedue so hwehwe ase, na yɛn deɛ, yɛasɔre gyina hɔ kyirebenn.


Nhyira ne nkurɔfoɔ a wɔn Nyankopɔn ne AWURADE, ne ɔman a wayi wɔn de ayɛ ɔno ara n’apɛgyadeɛ.


Na afei, AWURADE, ɛdeɛn na meretwɛn? Wo so na m’ani da.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.


Mommra mmɛhwɛ AWURADE nnwuma, ɔsɛeɛ ko a wama no aba asase soɔ.


Na wo, AWURADE, ne m’anidasoɔ, deɛ mefiri me mmɔfraase mede me ho metoo ne soɔ.


Asafo AWURADE, nhyira ne onipa a ɔde ne ho to wo soɔ.


AWURADE, asafo Nyankopɔn, tie me mpaebɔ, yɛ aso, Yakob Nyankopɔn!


Na ɔkaa sɛ: Mene w’agya Nyankopɔn no, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no. Ɛnna Mose kataa n’anim, ɛfiri sɛ na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn.


Deɛ ɔdwene asɛm soɔ no hunu papa, na nhyira ne deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ.


Nhyira ne wo, Israel, hwan na ɔte sɛ woɔ, ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagyeɛ! Ɔyɛ wo mmoa kyɛm, na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrantɛ. W’atamfo bɛwae ama wo, na wo deɛ, wobɛtiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so.


a monam ne so gye Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu na ɔhyɛɛ no animuonyam no die no, na mo gyidie ne anidasoɔ atena Nyankopɔn mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan