Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 146:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ne honhom firi kɔ, ɔsane kɔ ne dɔteɛ mu, da no ara ne tirim a ɔbɔeɛ yera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ne honhom firi kɔ, ɔsane kɔ ne dɔteɛ mu, da no ara ne tirim a ɔbɔeɛ yera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsan kɔ dɔte mu, saa da no ara wɔn nsusuwii nyinaa yɛ ɔkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Sɛ wɔn honhom tu kɔ a, wɔsane kɔ dɔteɛ mu, saa da no ara wɔn nsusuiɛ nyinaa yɛ kwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 146:4
17 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhuu nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefoɔ.


W’anim fifire mu na wobɛdidie de akɔsi sɛ wobɛsane akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ emu na wɔyii wo firiiɛ; na woyɛ dɔteɛ, na dɔteɛ mu na wobɛsane akorɔ.


Na hwɛ, me, mede nsuyire bɛba asase so mabɛsɛe abɔdeɛ a nkwa home wɔ wɔn mu nyinaa ɔsoro ase; asase so adeɛ nyinaa rebɛwuwu.


Na ɔdasani deɛ, ɔwu, na ɔbea hɔ, na onipa gyaa mu, na ɔwɔ he?


Ne mma nya animuonyam mpo a, ɔnnim, wɔbrɛ wɔn ase nso a, ɔnhunu mma wɔn.


M’ahome asa, me nna ahi, damena na ɛwɔ hɔ ma me.


Me nna atwam, wɔatwitwa m’atirimpɔ mu, m’akoma adeɛ a ɛpɛ no mu.


na m’ahome nyinaa da so wɔ me mu, na Nyankopɔn ahome da so wɔ me hwene mu yi,


Wohunta w’ani, na wɔpatu wu, woyi wɔn ahome, na wɔgyaa mu, na wɔsane kɔ wɔn mfuturo mu.


AWURADE ma amanaman agyina dane hunu, ɔma aman adwene yɛ ɔkwa.


Woma ɔdasani dane mfuturo, na wose: Onipa mma, monsane mmra mo mfuturo mu.


na dɔteɛ asane akɔ asase mu sɛdeɛ ɛteɛ kane no, na honhom asane akɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.


Wɔn dɔ oo, wɔn tane oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dadadada, na wɔnni deɛ wɔyɛ no owia yi aseɛ nyinaa mu kyɛfa biara bio da.


Montwe mo ho mfiri onipa a ahome wɔ ne hwene mu no ho, na onipa yɛ deɛn koraa?


Yɛn hwene mu ahome, deɛ AWURADE asra no no, wɔakyere no wɔn amena mu, ɔno a yɛkaa sɛ: Ne nwunu ase na yɛbɛnya nkwa, amanaman mu no.


na woama wo ho so atia ɔsoro wura, na wɔde ne fie nnwinneɛ aba w’anim, na wo ne w’aberempɔn, wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne aboɔ anyame a wɔnhunu na wɔnteɛ na wɔnnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no deɛ, woanni no ni.


Nanso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔdi mu; na ɛyɛ nyansa a ɛnyɛ wiase yi deɛ, na ɛnyɛ wiase atumfoɔ a wɔbɛyi wɔn hɔ no deɛ,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan