Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 143:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Ma mente w’adɔeɛ anɔpa, na wo so na mede me ho metoɔ. Ma menhunu kwan a memfa soɔ, na wo na mema me kra so mekyerɛ woɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Ma mente w’adɔeɛ anɔpa, na wo so na mede me ho metoɔ. Ma menhunu kwan a memfa soɔ, na wo na mema me kra so mekyerɛ woɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ma mente wʼadɔe a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa, na mede me ho ato wo so. Kyerɛ me ɔkwan a memfa so, na wo na mema me kra so kyerɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ma mente wʼadɔeɛ a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa, na mede me ho ato wo so. Kyerɛ me ɛkwan a memfa so, na wo na mema me kra so kyerɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Ma mente w’adɔe anɔpa, na wo so na mede me ho meto. Ma minhu ɔkwan a memfa so, na wo na mema me kra so mekyerɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 143:8
23 Iomraidhean Croise  

Ma menhunu mu, na madi wo mmara so, na mede m’akoma nyinaa bɛdi so.


Wo nsa na ɛyɛɛ me na ɛsiesiee me, ma me nteaseɛ, na mensua wo mmara nsɛm.


Kyerɛkyerɛ me deɛ wopɛ yɛ, na wone me Nyankopɔn, wo honhom pa no nnya me asase tee so.


Hwɛ me kra so na gye me, mma m’ani nnwu, na medwane bɛtoa wo.


AWURADE, kyerɛ me wo kwan, na fa me fa ɔtempɔn tamaa so, m’atɛfoɔ nti.


Na n’abufuo kyɛre kakraa bi, na n’adɔeɛ deɛ, ɛtena hɔ kyɛre sɛ nkwa berɛ. Osu bɛsoɛ anadwo, na adeɛ kye a, na anigyeɛ aba.


Na wo AWURADE aka sɛ: Mɛbue w’adwene mu na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa soɔ, m’ani wɔ wo so, na mɛtu wo fo.


Adekyeeɛ bi AWURADE bɛyi n’adɔeɛ adi, na anadwo mato no dwom mabɔ me nkwa Nyankopɔn mpaeɛ.


Onyankopɔn te mfimfini, ɛnwoso, Onyankopɔn boa no anɔpahema.


AWURADE, fa wo tenenee kyerɛ me kwan, wɔn a wɔtɛ me nti, tene wo kwan wɔ m’anim.


Na me deɛ, mɛto w’ahoɔden ho dwom, na mato w’adɔeɛ ho ahurisie dwom anɔpa, sɛ woayɛ me abankɛseɛ ne me hia da mu dwanekɔbea.


Ma w’akoa kra ani nnye, na wo, AWURADE, na mema me kra so mema.


Fa w’adɔeɛ ma yɛmmee nhema, na yɛadi ahurisie, na yɛn ani agye yɛn nna nyinaa mu.


Na w’aso nso bɛte w’akyiri asɛm bi sɛ: Yei ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnante so.


Sɛ AWURADE, wo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no seɛ nie: Mene AWURADE, wo Nyankopɔn, mene deɛ ɔkyerɛkyerɛ wo deɛ ɛyɛ ma woɔ, na ɔgya wo kɔ ɔkwan a fa soɔ no soɔ.


Momma yɛmmema yɛn akoma ne yɛn nsa so nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro.


Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no. Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ, na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ, sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.


Na ɔse: Mene no. Na Manoa kaa sɛ: Afei wo nsɛm no ba mu a, ɛdeɛn ne abɔfra no ahyɛdeɛ na ɛdeɛn na ɔnyɛ?


Na Dawid kaa sɛ: Keilafoɔ bɛyi me ne me nnipa ahyɛ Saulo nsa? Na AWURADE se: Wɔbɛyi wo ama.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan