Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 143:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔtamfoɔ taa me kra, ɔbɔ me nkwa hwe fam, ɔma metena sum mu sɛ wɔn a wɔawu dadaada.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔtamfoɔ taa me kra, ɔbɔ me nkwa hwe fam, ɔma metena sum mu sɛ wɔn a wɔawu dadaada.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔtamfo no taa me, ɔbɔ me hwe fam; ɔma me tena sum mu te sɛ wɔn a wowuwuu dedaada.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔtamfoɔ no taa me, ɔbɔ me hwe fam; ɔma me tena esum mu te sɛ wɔn a wɔawuwu dadaada.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔtamfo taa me kra, ɔbɔ me nkwa hwe fam, ɔma metena sum mu sɛ wɔn a wowuwui akyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 143:3
14 Iomraidhean Croise  

Na Yoab ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔka kyerɛɛ no no sɛ: Saa! Wohunuu no no, adɛn nti na woammɔ no anhwe fam hɔ? Na anka mɛma wo dwetɛ du ne abɔsoɔ.


Na Abner kɔɔ so ka kyerɛɛ Asahel bio sɛ: Sane firi m’akyiri kɔ! Adɛn nti na memmɔ wo nhwe fam? Na mɛtumi mama m’ani so makyerɛ wo nua Yoab sɛn?


Wɛn w’aso tie me su, na mayɛ hodwoo, yi me firi m’ataafoɔ nsam, na wɔn ho yɛ den kyɛne me.


Ma wɔn a wɔhwehwɛ me wuo no anim ngu ase na wɔn ani nwu, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne no mfa ahohora nsane wɔn akyi!


na ananafoɔ asɔre atia me, na atirimuɔdenfoɔ rehwehwɛ me kra, wɔamfa Onyankopɔn anyɛ wɔn ani so biribi.


ma ɔtamfoɔ ntaa me kra, na ɔnkyere me, na ɔntiatia me nkwa so fam, na ɔmma m’animuonyam nyɛ fam.


AWURADE, sɔre w’abufuo mu, ma wo ho so tia m’ahohiahiafoɔ aniɛden, na nyane ma me, wo a woahyɛ atemmuo.


Ɔde me atena sum mu, sɛ tete nteredee awufoɔ.


Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, nnompe yi yɛ Israel fie no nyinaa. Hwɛ, wɔka sɛ: Yɛn nnompe ho akokwa, na yɛn anidasoɔ ayera; wɔatwa yɛn korakora!


Me tamfo, mma w’ani nnnye me ho; na mahwe ase a, mɛsɔre; na mete sum mu a, AWURADE ne me hann.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan