Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 142:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Yi me kra firi afiase, na mayi wo din ayɛ. Ateneneefoɔ bɛtwa me ho ahyia sɛ wo ne me adi no yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Yi me kra firi afiase, na mayi wo din ayɛ. Ateneneefoɔ bɛtwa me ho ahyia sɛ wo ne me adi no yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Yi me fi mʼafiase, na makamfo wo din. Afei atreneefo betwa me ho ahyia esiane wo papa a woayɛ me no nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Yi me firi me nneduadan mu, na makamfo wo din. Afei teneneefoɔ bɛtwa me ho ahyia ɛsiane wo papa a woayɛ me enti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Yi me kra fi afiase, na mayi wo din ayɛ. Treneefo betwa me ho ahyia sɛ wo ne me adi no yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 142:7
20 Iomraidhean Croise  

Me kra, sane kɔ wo home mu, na AWURADE ne wo adi no yie.


Yɛ w’akoa yie, na mennya nkwa, na madi wo nsɛm so.


Wɔn a wɔsuro woɔ bɛhu me na wɔn ani agye, na w’asɛm so na m’ani da.


mɛto AWURADE dwom sɛ ɔne me adi no yie.


Mede me nne mesu mefrɛ AWURADE, mede me nne mekoto mesrɛ AWURADE,


Wo din nti, AWURADE, ma mennya nkwa, wo tenenee mu yi me kra firi ahohia mu,


O AWURADE, yi me firi m’atamfoɔ nsam. Wo nkyɛn na mede me ho makora.


Ɔbu atɛn ma wɔn a wɔdi wɔn amim, ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane. AWURADE tu nneduafoɔ.


Na woanyi me anhyɛ ɔtamfoɔ nsa, wode me nan agyina deɛ ɛtrɛ.


AWURADE mu na me kra bɛhoahoa ne ho, ahobrɛasefoɔ bɛte, na wɔn ani agye.


Na wɔde bɔne tua papa so ka, papa a medi akyire nti wɔpɛ me ho asɛm.


na menka w’ayeyie nyinaa menkyerɛ, Sion babaa aponkɛseɛ mu, na menni ahurisie wo nkwagyeɛ mu.


Ɛfiri sɛ m’atamfoɔ asane wɔn akyi, wɔatotɔ, na wɔayera w’anim.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ AWURADE asra me ngo sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufoɔ; wasoma me sɛ memmɛkyekyere wɔn a wɔn akoma abubuo werɛ, mempae ahofadie menkyerɛ nnommum ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfoɔ,


Ɔno na Onyankopɔn anyane no, na wasane owuya homa, ɛfiri sɛ antumi amma sɛ ɛka no hyɛ.


Hwɛ, yɛbu wɔn a wɔhunuu amane, too wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfoɔ. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahunu sɛdeɛ Awurade maa no wiee no, sɛdeɛ Awurade ayamyɛ dɔɔso, na ɔyɛ timmɔborɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan