Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 142:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Me honhom tɔ piti me mu a, wo na wonim me kwan. Ɛkwan a menam soɔ no so na wɔsum me fidie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Me honhom tɔ piti me mu a, wo na wonim me kwan. Ɛkwan a menam soɔ no so na wɔsum me fidie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Sɛ me kra tɔ beraw wɔ me mu a, ɛyɛ wo na wunim me kwan. Ɔkwan a menam so no nnipa asum me afiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Sɛ me ɔkra tɔ baha wɔ me mu a, ɛyɛ wo na wonim mʼakwan. Ɛkwan a menam so no nnipa asum me afidie wɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Me honhom tɔ beraw me mu a, wo na wunim me kwan. Ɔkwan a menam so no so na wosum me afiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 142:3
20 Iomraidhean Croise  

Na ɔnim kwan a mefa soɔ. Ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu sɛ sika mapa a wɔde afa ogya mu.


Ɛfiri sɛ AWURADE nim teneneefoɔ kwan, na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.


Ao, AWURADE, tie me mpaebɔ, na ma me sufrɛ nnuru w’anim.


M’akoma abo na akusa sɛ ɛfan, na m’ani apa m’aduanedie so.


Ahantanfoɔ de fidie ne nhoma ato hɔ ama me, wɔasum me nsɛmma kwankyɛn, wɔasum me apa.


Kora me firi apa a wɔasum me ne amumuyɛfoɔ mfidie ho.


Na me honhom tɔ piti me mu, m’akoma asene me yam.


Sɛ wosɔ m’akoma hwɛ, na wohwehwɛ me mu anadwo, na wonane me yiyi mu, worenhunu hwee. Mabɔ me tirim sɛ meremma asɛmmɔne mfiri m’ano.


Wɔahwie me agu sɛ nsuo, na me nnompe nyinaa ahwinhwan n’akwaa so. M’akoma ayɛ sɛ akraa, anane wɔ me yam.


Wobɛyi me afiri afidie a wɔahunta asum me no mu, na wo ara ne m’aban a ɛyɛ den.


Wɔboa ano hyia ma wɔtɛ me, na wɔkari m’anammɔn berɛ a wɔtwɛn me kra.


Mefiri asase ano mesu mefrɛ wo m’akoma ahometeɛ mu, wode me bɛkɔ ɔbotan a ɛware sene me so.


Ampa ara, nnipa mma yɛ huhuo, mmarima mma yɛ atorɔdeɛ. Wɔgu nsaniam a, ɛhwan kɔ soro, wɔn nyinaa yɛ huhuo.


Mekae Onyankopɔn a, mesi apini, medwene a, me honhom tɔ piti.


Ma wɔnte esu nka mfiri wɔn afie mu, berɛ a wode asafo bi bɛba wɔn so mpofirim no, ɛfiri sɛ wɔabɔ amena sɛ wɔde reyi me, na wasunsum me nan fidie.


Sɔre kekam anadwo, ɔdasuom mfitiaseɛ, hwie w’akoma gu sɛ nsuo, AWURADE anim; wo mmotafowa kra nti, ma wo nsa so kyerɛ no, na wɔatotɔ ɛkɔm ano piti, mmorɔno nyinaa ti.


Ɛno na Farisifoɔ no kɔ kɔtuu agyina sɛdeɛ wɔbɛsum no fidie wɔ kasa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan