Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 140:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Wɔn a wɔtwa me ho hyia no deɛ, ma wɔn anomu mmusuo mmua wɔn atifi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Wɔn a wɔtwa me ho hyia no deɛ, ma wɔn anomu mmusuo mmua wɔn atifi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Wɔatwa me ho ahyia, nanso, ma amumɔyɛsɛm a efi wɔn anom no nsɛe wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Wɔatwa me ho ahyia, nanso, ma amumuyɛsɛm a ɛfiri wɔn anomu nsɛe wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Wɔn a wotwa me ho hyia de, ma wɔn anom mmusu mmua wɔn atifi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 140:9
11 Iomraidhean Croise  

Ɛnna ne yere Seres ne n’adɔfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma wɔnyɛ dua a ne tentene yɛ basafa aduonu nnum, na ɔkyena anɔpa ka kyerɛ ɔhene, na wɔnsɛne Mordekai wɔ so, na wo ne ɔhene nkɔ apontoɔ no ase anigyeɛ mu. Na asɛm no sɔɔ Haman ani, na ɔmaa wɔyɛɛ dua no.


Na wɔsɛnee Haman dua a wasiesie ama Mordekai no so. Na ɔhene abufuo ano dwoe.


na wɔbɛhwe ase, na wɔn tɛkyerɛma so asɛm abua wɔn atifi, wɔn a wɔhu wɔn nyinaa ho bɛpopo.


Ne mmusuo resane abua n’atifi, na n’amim aduru n’apampam.


Na ɔde wɔn mmusuo abua wɔn atifi, na wɔn bɔne nti ɔbɛyi wɔn hɔ. AWURADE, aane, yɛn Nyankopɔn bɛyi wɔn hɔ.


Ɔteneneeni ano yɛ nkwa nsutire, na akakabensɛm kata abɔnefoɔ ano.


Nhyira da ɔteneneeni atifi, na akakabensɛm kata abɔnefoɔ ano.


Ano mfomsoɔ yɛ fidie ma ɔbɔnefoɔ, na ɔteneneeni bɛfiri ahohiahia mu.


Ɔkwasea ano ne ne sɛeɛ, na n’anofafa ne ne kra fidie.


Na ɔman mu no nyinaa buaa sɛ: Ne mogya mmra yɛn ne yɛn mma tiri so.


sɛ ɛnyɛ ɔtamfoɔ ahiyie na mesuro a, na wɔn ahohiahiafoɔ annane me nsusuiɛ yi ani, na wɔanka sɛ: Yɛn nsa na adi nkonim na ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛɛ yei nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan