Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 140:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Ahantanfoɔ de fidie ne nhoma ato hɔ ama me, wɔasum me nsɛmma kwankyɛn, wɔasum me apa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Ahantanfoɔ de fidie ne nhoma ato hɔ ama me, wɔasum me nsɛmma kwankyɛn, wɔasum me apa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Ahantanfo asum me afiri; wɔatrɛtrɛw wɔn asau ahama mu wɔasunsum me mfiri wɔ me kwan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ahantanfoɔ asum me afidie; wɔatrɛtrɛ wɔn asau nhoma mu, wɔasunsum me mfidie wɔ me kwan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Ahantanfo de afiri ne nhama ato hɔ ama me, wɔasum me nsɛmma ɔkwankyɛn, wɔasum me apa. Sela

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 140:5
21 Iomraidhean Croise  

Nsɛmma bɛsɔ ne nantin, na nkyehoma akyekyere no.


Abɔnefoɔ asum me fidie, nanso memfom wo nsiesieeɛ kwan ho.


Ahantanfoɔ atoatoa atorɔ ato me so, me deɛ, mede m’akoma nyinaa mesɔ wo nsiesieeɛ mu.


Ahantanfoɔ atutu amena ama me, wɔn a wɔnte sɛdeɛ wo mmara kyerɛ.


Me honhom tɔ piti me mu a, wo na wonim me kwan. Ɛkwan a menam soɔ no so na wɔsum me fidie.


Wobɛyi me afiri afidie a wɔahunta asum me no mu, na wo ara ne m’aban a ɛyɛ den.


Na wɔasum me fidie wɔn amena mu kwa, na wɔatu me kra amena kwa.


Mma ɔhantanni nan nntia me, na mma abɔnefoɔ nsa nnsum me!


O Onyankopɔn, bu me bem, na wo ne ɔman a ɛnyɛ no nni asɛm mma me. Gye me firi nkontomponi ne omimfoɔ nsam.


Wɔsum m’anammɔn fidie, me kra brɛɛ ase, wɔtuu me kwan mu amena, wɔn ankasa ahwehwe mu.


Ɔbɔnefoɔ, ntɛ ɔteneneeni fie, na nsɛe ne homebea.


Onipa a ɔdɛfɛdɛfɛ ne yɔnko no, ɔsum n’anammɔn fidie.


Na wɔkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara renyera mfiri ɔsɔfoɔ hɔ, na afotuo rempa onyansafoɔ anomu, na asɛm remmɔ odiyifoɔ. Mommra mma yɛmfa tɛkyerɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.


Wɔmfa bɔne nhyɛ papa ananmu anaa? Nso wɔatu amena ama me kra. Kae sɛdeɛ megyinaa w’anim sɛ meresrɛ papa ama wɔn, sɛ meresane w’abufuo afiri wɔn soɔ no.


Ma wɔnte esu nka mfiri wɔn afie mu, berɛ a wode asafo bi bɛba wɔn so mpofirim no, ɛfiri sɛ wɔabɔ amena sɛ wɔde reyi me, na wasunsum me nan fidie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan