Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 140:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Wɔse wɔn tɛkyerɛma ano sɛ ɔwɔ, ahuritia borɔ wɔ wɔn se ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Wɔse wɔn tɛkyerɛma ano sɛ ɔwɔ, ahuritia borɔ wɔ wɔn se ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔsew wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔwɔ de; nhurutoa bɔre wɔ wɔn ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔse wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔtweaseɛ deɛ; ananka borɔ wɔ wɔn ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Wɔsew wɔn tɛkrɛma ano sɛ awɔ, ahurutoa bɔre wɔ wɔn se ano. Sela

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 140:3
18 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Adɛn na woyɛɛ saa? Na ɔbaa no se: Ɔwɔ no na ɔdaadaa me, maa mediiɛ.


Me kra da agyata mu, meda wɔn a wɔhome gyaframa mu. Nnipa mma a wɔn se yɛ mpea ne agyan, na wɔn tɛkyerɛma yɛ nkrantɛ nnamnnam.


Wɔn borɔ te sɛ ɔwɔ borɔ, wɔte sɛ ahuritia sotifoɔ a wasi n’aso


Hwɛ, wɔde wɔn ano woro kasa, nkrantɛ wɔ wɔn ano, na “hwan na ɔteɛ?”


Ɛwɔ deɛ ɔworo kasa sɛ nkrantɛ nwowɔeɛ, na onyansafoɔ tɛkyerɛma sa yadeɛ.


akyire yi no ɛka sɛ ɔwɔ, na ɛwɔ borɔ sɛ ahuritia.


akontonkyisɛm wɔ n’akomam, ɔpam ne tirim apammɔne daa, takrawɔgyam na ɔhyɛ.


Yɛato AWURADE mmara atwa no nkontompo, na yɛapa yɛn Nyankopɔn akyi; yɛkasa nhyɛsoɔ ne atuateɛ kasa, yɛsusu atorosɛm wɔ akoma mu na yɛka.


Na wɔkuntunu wɔn tɛkyerɛma de yɛ wɔn tadua atorɔ na ɛnyɛ nokorɛ na atim wɔ asase no so, na wɔfiri bɔne mu kɔ bɔne mu, na me deɛ, wɔnnim me, AWURADE asɛm nie.


Na wɔn nyinaa twitwa wɔn mfɛfoɔ nkontompo, na nokorɛ deɛ, wɔnka. Wɔma atorosɛm ka kokwa wɔn tɛkyerɛma so, wɔdi abɔnefosɛm, na wɔnnu wɔn ho.


wɔn a wɔsɔre tia me no ano, ne wɔn adwene a wɔdwene me ho daa daa nyinaa no;


Nhuritia mma! Moyɛ abɔnefoɔ yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na deɛ ayɛ akoma ma abu soɔ no, na ano ka.


Nanso mesuro sɛ ebia, sɛdeɛ ɔwɔ no de n’aniteɛ bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afiri Kristo fam ahofama no ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan