Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 140:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Menim sɛ AWURADE bɛdi ɔmanehunufoɔ asɛm, ɔbɛbu atɛn ama ahiafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Menim sɛ AWURADE bɛdi ɔmanehunufoɔ asɛm, ɔbɛbu atɛn ama ahiafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Minim sɛ Awurade bu ahiafo atɛntrenee na odi onnibi asɛm ma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Menim sɛ Awurade bu ahiafoɔ atɛntenenee na ɔka onnibie asɛm ma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Minim sɛ Awurade bedi mmɔboroni asɛm, obebu atɛn ama ahiafo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 140:12
16 Iomraidhean Croise  

ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ wɔ ɔsoro, na di wɔn asɛm ma wɔn.


ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ wɔ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na di wɔn asɛm ma wɔn,


wadane n’ani akyerɛ onnibie mpaebɔ, na wampo wɔn mpaebɔ.


Ma AWURADE ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa ne tɛkyerɛma a ɛka nsɛnkɛseɛ,


wɔn a wɔse: Yɛn tɛkyerɛma na yɛde di mmaninsɛm, yɛn ano wɔ hɔ, hwan na ɔbɛdi yɛn soɔ?


Na wansere na wankyiri ɔmanehunufoɔ amaneɛ, na wanyi n’anim anhunta no, na mmom ɔsu frɛɛ no no, ɔtiee.


Me nnompe nyinaa bɛka sɛ: AWURADE, hwan na ɔte sɛ wo a wogye ɔmanehunufoɔ deɛ ɔyɛ den sene no no nsam ne ɔmanehunufoɔ ne ohiani firi ne dwotwafoɔ no nsam.


Ɔbɛbu ɔman mu amanehunufoɔ atɛn, na wagye ahiafoɔ mma nkwa, na wabubu nhyɛsofoɔ mu pasapasa.


Woatena atemmuo adwa so abu atɛn tenenee, Woadi m’asɛm abu me bem.


Mmɔ mmɔborɔni korɔno, sɛ ɔyɛ mmɔborɔni nti, na ntiatia amanehununi so kuro pono mu.


na tenenee na ɔde bɛbu atɛn ama mmɔborɔni, na ɔde asɛntenenee adi ama asase so amanehunufoɔ; na ɔde n’anomu abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anomu honhom akum ɔbɔnefoɔ;


Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa no, enti nso na ɛsii no yie. Ɛnyɛ yei ne me ho nimdeɛ? AWURADE asɛm nie.


Anifirafoɔ hunu adeɛ, na mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, na asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan