Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 14:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 AWURADE firi soro hwɛ nnipa mma, sɛ ɔbɛhunu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 AWURADE firi soro hwɛ nnipa mma, sɛ ɔbɛhunu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade fi ɔsoro hwɛ adesamma wɔ fam sɛ obehu wɔn mu bi a wɔwɔ ntease, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade firi ɔsoro hwɛ adasamma sɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 AWURADE fi soro hwɛ nnipa mma, sɛ obehu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 14:2
29 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE siane bɛhwɛɛ kuro ne abantenten a nnipa mma retoɔ no.


meresiane makɔhwɛ sɛ wɔayɛ sɛdeɛ nteamu a ɛduru me nkyɛn no teɛ no a; na sɛ ɛnte saa, mahunu.


Na Onyankopɔn hunuu asase, na hwɛ, asɛe, ɛfiri sɛ na nnipa nyinaa asɛe wɔn akwan wɔ asase so.


Nanso wɔahunu wo ho nsɛm pa, sɛ woatwitwa Asera nnua afiri asase no so, na woasiesie w’akoma ahwehwɛ Onyankopɔn.


obiara a wasiesie n’akoma sɛ ɔrehwehwɛ Onyankopɔn, AWURADE n’agyanom Nyankopɔn, mpo sɛ ɛnyɛ kronkronbea ahodwira so a.


Hwan ne ɔdasani a ne ho bɛteɛ ne deɛ ɔbaa awo no a ɔtene?


Obiara a ɔyɛ onyansafoɔ no, ma no mmu yeinom, na ma wɔnwene AWURADE adɔeɛ ho.


AWURADE wɔ n’asɔrefie kronkron mu, AWURADE ahennwa wɔ soro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛ kari wɔn hwɛ.


Ahobrɛasefoɔ hunu a, wɔn ani bɛgye, mo a mohwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan, mo akoma nnya nkwa.


Wɔnnim de, na wɔnte aseɛ, esum mu na wɔnante korɔ, asase nnyinasoɔ nyinaa rewoso.


Ogyimifoɔ nnim, na ɔkwasea nhunu yei mu.


Ɛno na wobɛhunu tenenee ne atemmuo ne adeɛ a ɛtene ne ɔkwan pa nyinaa mu.


Mo, ntetekwaa, momma mo ani nte, na mo, nkwaseafoɔ, monnya nhunumu akoma.


Deɛ ɔyɛ atetekwaa mmane ha! Na deɛ ɔnni tire nso, ɔse no sɛ:


Deɛ ɔyɛ atetekwaa mmane ha! na deɛ ɔnni tire no, ɔse no sɛ:


Sɛ ne mmaboa no dwan a, wɔbubu, mmaa bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wɔnni nhunumu, enti wɔn yɛfoɔ no yam nhyehye no mma wɔn, na deɛ ɔnwonoo wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.


Monhwehwɛ AWURADE, berɛ a ɔma wɔhu no no, momfrɛ no berɛ a ɔbɛn no.


Brɛ w’ani ase firi soro, na firi wo kronkronyɛ ne w’animuonyam tenabea hɔ hwɛ. Ɛhe na wo ninkuntwe ne wo mmaninneɛ no wɔ? W’ayamhyehyeɛ ne wo mmɔborɔhunu no afiri me ho.


O, sɛ wosunsuane ɔsoro mu siane na mmepɔ woso w’anim ɛ!


Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Mommisa asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ a wɔde nnomaa su ne asutuo kasa no a, ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wɔbisa ne hɔ adeɛ anaa? Awufoɔ hɔ na wɔmmisa adeɛ mma ateasefoɔ?


Ɛfiri sɛ me man agyimi. Wɔnnim me, wɔyɛ mma nkwaseafoɔ, na wɔnni nhunumu. Wɔyɛ bɔne ho anyansafoɔ, na papayɛ deɛ, wɔnnim.


Montu mmirika nkyini Yerusalem mmorɔno so, na monhwɛ ɛ, na monhunu, na monhwehwɛ ne mmɔntene so, sɛ mobɛhunu onipa bi, sɛ obi wɔ hɔ a ɔdi asɛntenenee, na ɔhwehwɛ nokorɛ, na memfa nkyɛ no.


kɔsi sɛ AWURADE bɛsi ne tiri ase afiri soro ahwɛ.


Wɔbɛte nnipa bebree ho ahoa wɔn ho ama wɔapɔ, na abɔnefoɔ bɛkɔ so ara adi asɛmmɔne, na abɔnefoɔ nyinaa rente aseɛ, na mmadwemma na ɛbɛte aseɛ.


Ɛfiri sɛ ɔman yi akoma apirim, na wɔn aso mu ayɛ duru, na wɔakatakata wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ, na wɔannane wɔn ho, na mansa wɔn yadeɛ.


Obiara nni hɔ a ɔwɔ nteaseɛ, obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan.


Na sɛ gyidie nni mu a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ deɛ ɔba Nyankopɔn nkyɛn no sɛ, ɔgye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyiri kwan no katuafoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan