Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 14:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Ogyegyentwie se n’akomam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe wɔn nneyɛɛ ayɛ akyiwadeɛ, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ogyegyentwie se n’akomam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe wɔn nneyɛɛ ayɛ akyiwadeɛ, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔkwasea ka wɔ ne koma mu se, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔaporɔw, na wɔn nneyɛe yɛ fi na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔkwasea ka wɔ nʼakoma mu sɛ, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Wɔaporɔ, na wɔn nneyɛɛ yɛ fi na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ogyennyentwi se ne komam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, wɔn nneyɛe ayɛ akyide, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 14:1
32 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE hunuu sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn akoma mu nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.


Na nkantom deɛ ne ho yɛ nwunu na waporɔ, onipa a ɔnom amumuyɛ sɛ nsuo!


Na woka sɛ: Ɛdeɛn na Onyankopɔn nim? Esum kabii akyiri nohoa na ɔbɛbu atɛn?


Ɔbɔnefoɔ dwa n’anomu ka sɛ: Hwee mfa ne ho. Onyankopɔn bi nni baabi! n’adwene nyinaa ne no.


Agyegyentwie, wɔn mmarato kwan ne wɔn amumuyɛ nti wɔhunuu amane.


Ogyegyentwie se n’akomam sɛ: Nyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe, na wɔyɛ amumuyɛdeɛ a wɔkyire, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.


Na metwee ahokyerɛfoɔ ho ninkunu, ɛfiri sɛ mehunuu abɔnefoɔ yie a wɔdie no.


Ogyimifoɔ nnim, na ɔkwasea nhunu yei mu.


Da bɛn ara na mo ntetekwaa mobɛpɛ ntetekwaasɛm akɔsie? Na afɛdifoɔ bɛpɛ wɔn afɛdie, na nkwaseafoɔ akyiri nimdeɛ?


AWURADE suro ne nimdeɛ mfitiaseɛ; agyimifoɔ bu nyansa ne nkyerɛkyerɛ animtia.


Akɔnnɔdeɛ a nsa aka yɛ ɔkra dɛ, na bɔne mu fire yɛ nkwaseafoɔ akyiwadeɛ.


Sɛ wode wɔmma si ogyimifoɔ waduro mu fra ayuo mu mpo a, n’agyimisɛm remfiri ne ho ara da.


Ampa ara, onipa tenenee biara nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne.


Ao, ɔman nnebɔneyɛfoɔ, ɔman a wɔn asodie yɛ duro, amumuyɛfoɔ asefoɔ, mma a wɔaporɔ! Wɔagya AWURADE, wɔabu Israel Kronkronni no animtia, wɔasane wɔn akyi.


Wɔadi torɔ AWURADE ho aka sɛ: Ɔrenyɛ hwee. Na bɔne biara remma yɛn so, na yɛrenhunu afena anaa ɛkɔm.


Wɔn nyinaa yɛ asoɔdenfoɔ atuatefoɔ, wɔnenam di nsekuro, wɔyɛ kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ ara nko; wɔn nyinaa yɛ nkontompofoɔ.


Nhuritia mma! Moyɛ abɔnefoɔ yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na deɛ ayɛ akoma ma abu soɔ no, na ano ka.


Na akoma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayefasɛm, adwamansɛm, awifosɛm, adansekurumu ne abususɛm fire.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkwasea, anadwo yi wɔbɛgye wo kra afiri wo nsam; na nnoɔma a wɔasiesie no bɛyɛ hwan dea?


monkae sɛ da bi no na mo ne Kristo nni twaka biara, na na moyɛ ananafoɔ a wɔnyɛ Israel man mma, ne ahɔhoɔ wɔ bɔhyɛ apam ahodoɔ no ho, na monni anidasoɔ biara, na monni Onyankopɔn bi wɔ wiase.


Wɔka sɛ wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma po no. Wɔyɛ akyiwadeyɛfoɔ ne asoɔdenfoɔ, na wɔmfra mma adwuma pa biara.


Ɛfiri sɛ yɛn nso, akane no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfoɔ, nnipa a wɔtaa yɛ mfomsoɔ, som akɔnnɔ ne anigyedeɛ ahodoɔ, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentane wɔn ho wɔn ho.


Na ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nnie ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfe dɛre mu no mu, ɛno ne owuprenu no.


Mesrɛ wo, mma me wura mmfa n’akoma nnto onipa huhuni Nabal yi so, na sɛ ne din teɛ no, sɛ ɔteɛ ara ne no, Nabal ne ne din, agyegyentwisɛm wɔ ne mu; na me, w’afenaa deɛ, manhunu me wura mmeranteɛ a wosomaa wɔn no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan