Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 139:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Onyankopɔn, sɛ wobɛkum abɔnefoɔ na mogyapɛfoɔ afiri me so akɔ ɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Onyankopɔn, sɛ wobɛkum abɔnefoɔ na mogyapɛfoɔ afiri me so akɔ ɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Sɛ anka, Onyankopɔn, wubekunkum amumɔyɛfo ɛ! Mumfi me so, mo a moyɛ mogyapɛfo!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ao Onyankopɔn, sɛ anka wobɛkumkum amumuyɛfoɔ a! Momfiri me so, mo mogyapɛfoɔ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 O, Onyankopɔn, sɛ wubekum ɔbɔnefo, na mogyapɛfo afi me so akɔ ɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 139:19
12 Iomraidhean Croise  

Nnebɔneyɛfoɔ, momfiri me so, na madi me Nyankopɔn mmara nsɛm so.


Wosɛe wɔn a wɔka atorosɛm. AWURADE kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.


Na wo, Onyankopɔn, wode wɔn bɛkɔ ɔsɛeɛ amena mu, mogyapɛfoɔ ne nnaadaafoɔ renni wɔn nna fa, na me deɛ, mede me ho meto wo so.


Mo amumuyɛfoɔ nyinaa, momfiri me so mfi! Na AWURADE ate me su.


Na Onyankopɔn bɛto bɛmma abɔ wɔn, wɔbɛpira mpofirim,


Abɔnefoɔ bɛsane akɔ Asamando, amanaman a wɔn werɛ afiri Onyankopɔn nyinaa.


Na ɛnyɛ daa na ne werɛ bɛfiri ohiani, na ɛnyɛ daa na mmɔborɔni anidasoɔ bɛyera.


Na ɔde wɔn mmusuo abua wɔn atifi, na wɔn bɔne nti ɔbɛyi wɔn hɔ. AWURADE, aane, yɛn Nyankopɔn bɛyi wɔn hɔ.


na tenenee na ɔde bɛbu atɛn ama mmɔborɔni, na ɔde asɛntenenee adi ama asase so amanehunufoɔ; na ɔde n’anomu abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anomu honhom akum ɔbɔnefoɔ;


Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, momfiri me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfoɔ no mu!


Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Mennim mo da, momfiri me so nkɔ, mo a moyɛ deɛ ɛntene!


Enti momfiri wɔn mu, na monte mo ho mfiri wɔn mu, Awurade na ɔseɛ, na monnka deɛ ɛyɛ fi; na me nso magye mo,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan