Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 137:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɛhɔ na yɛn nnommumfafoɔ bisaa yɛn nnwom bi, na yɛn ateeteefoɔ pɛɛ yɛn hɔ anigyeɛ sɛ: Monto Sion dwom bi nkyerɛ yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɛhɔ na yɛn nnommumfafoɔ bisaa yɛn nnwom bi, na yɛn ateeteefoɔ pɛɛ yɛn hɔ anigyeɛ sɛ: Monto Sion dwom bi nkyerɛ yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 ɛhɔ na yɛn nnommumfafo kaa se yɛnto nnwom, yɛn ahohiafo hwehwɛɛ anigye nnwom fii yɛn nkyɛn; wɔkae se, “Monto Sion nnwom baako nkyerɛ yɛn!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 ɛhɔ na yɛn nnommumfafoɔ bisaa yɛn nnwom, yɛn ahohiahiafoɔ pɛɛ yɛn hɔ ahurisie nnwom; wɔkaa sɛ, “Monto Sion nnwom baako mma yɛn!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɛhɔ na yɛn nnommumfafo bisaa yɛn nnwom bi, na yɛn ahawfo pepɛɛ yɛn hɔ anigye sɛ: Monto Sion dwom bi nkyerɛ yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 137:3
18 Iomraidhean Croise  

Na Dawid hyɛ asaawa nwera batakari, ɔno ne Lewifoɔ a wɔso adaka no nyinaa ne nnwontofoɔ no, ne ɔsafohene Kenania a ɔdi nnwontoɔ no soɔ no wɔ nnwontofoɔ no mu. Na nwera asɔfotadeɛ nso hyɛ Dawid.


Da no ara na Dawid maa wɔfaa Asaf ne ne nuanom so daa AWURADE ase kane.


Na ɔkaa no ne nuanom ne Samaria dɔm no anim sɛ: Ɛdeɛn na Yudafoɔ bɛtɛbɛtɛɛfoɔ yi reyɛ yi? Wɔbɛsiesie nnoɔma? Wɔbɛbɔ afɔdeɛ? Wɔbɛwie no da koro? Wɔbɛnyanenyane aboɔ no afiri nkunkumaboɔ akuakuo a ahyehyeɛ no mu?


Onyankopɔn, wɔde abodwoɔ yi wo ayɛ wɔ Sion, na wo na wɔde aboadeɛ ma woɔ.


Onyankopɔn, amanaman aba w’agyapadeɛ mu, wɔagu w’asɔrefie kronkron ho fi, wɔama Yerusalem ayɛ agoago.


Wode yɛn yɛɛ ntɔkwa maa wɔn a wɔtete yɛn ho, na yɛn atamfoɔ sereseree wɔ wɔn mu.


na menka w’ayeyie nyinaa menkyerɛ, Sion babaa aponkɛseɛ mu, na menni ahurisie wo nkwagyeɛ mu.


Deɛ ɔto dwom kyerɛ ɔwerɛhoni no te sɛ deɛ ɔpa ntoma awɔberɛ mu, anaa nsa kekakeka a wɔde gu dɔw soɔ.


Wɔn a AWURADE apono wɔn no bɛsane aba, na wɔde nnwontoɔ aba Sion; na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi, ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.


Na wɔn a AWURADE agye wɔn no bɛsane, na wɔde ahurisie aba Sion, na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi; ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.


Mika a ɔfiri Moreset hyɛɛ nkɔm Yudahene Hesekia berɛ so, na ɔka kyerɛɛ Yuda man nyinaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Wɔbɛfuntum Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane nkunkumaboɔ akuakuo, na efie no bepɔ no adane kwaeɛ mu sorɔnsorɔmmea.


Na mɛyɛ Yerusalem nkunkumaboɔ akuakuo, ɛserɛ so kraman tenabea, na madane Yuda nkuro amamfo a obiara nte hɔ.


Saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane aboɔ akuakuo, na efie no bepɔ adane kwaeɛ sorɔnsorɔmmea.


Nnoɔma a mohunu yi deɛ, nna bi bɛba a wɔrennya ɔboɔ wɔ ɔboɔ so wɔ emu a wɔrennwiri ngu fam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan