Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 136:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Ɔde nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu na ɛyii wɔn, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Ɔde nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu na ɛyii wɔn, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔde nsa kɛse ne basa a wateɛ mu. Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔde nsa kɛseɛ ne basa a watene mu. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Ɔde nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛm na eyii wɔn, na n’adɔe wɔ hɔ daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 136:12
10 Iomraidhean Croise  

Na ɛnyɛ wɔn ara afena na wɔde nyaa asase no, nanso ɛnyɛ wɔn ara nsa na ɛgyee wɔn, na mmom ɛyɛ wo nifa ne wo basa ne w’anim hann, ɛfiri sɛ wopɛ wɔn.


Na sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Yei aseɛ ne sɛn a, ka kyerɛ no sɛ: Nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim nkoasom mu.


Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monkae da yi a mofirii Misraim firii nkoa fie mu no, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii mo firii hɔ, na monnni mmɔreka paanoo.


AWURADE, wode tumi ahyɛ wo nsa nifa animuonyam, AWURADE, wo nsa nifa no dwɛre atamfoɔ no.


Ɛno nti ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Mene AWURADE, na mɛgye mo afiri Misraim nkoasom mu, na mayi mo afiri wɔn nyadie no mu, na mede basa a atene ne atemmuo akɛseɛ magye mo.


Na wode nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne nsa a ɛyɛ den ne basa a atene ne ahudeɛ kɛseɛ yii wo man Israel firii Misraim asase so,


Ɔno ara na ɔde wɔn firii adi yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ Misraim asase so, ne Mmɛwa Po mu ne ɛserɛ so mfirinhyia aduanan.


Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ pɛn sɛ ɔbɛkɔ akɔyi ɔman bi afiri ɔman bi mu afa wɔ sɔhwɛ ahodoɔ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne akodie ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene ne ahodwirideɛ akɛseɛ mu, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan