Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 136:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Monna Awurade ase na oye. Nʼadɔe wɔ hɔ daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Monna Awurade ase na ɔyɛ. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Monna AWURADE ase, na oye, na n’adɔe wɔ hɔ daa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 136:1
16 Iomraidhean Croise  

Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Na Heman ne Yedutun ka wɔn ho, ne wɔn a wɔyii wɔn a wɔbobɔɔ wɔn din no nkaeɛ, sɛ wɔnna AWURADE ase, sɛ n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Na ɔne ɔman no tuu agyina, na ɔyiyii nnwontofoɔ a wɔto AWURADE dwom yi no ayɛ, ahokeka kronkron mu; na wɔrefiri adie no, wɔdii wɔn a wɔamia no anim, na wɔkaa sɛ: Monna AWURADE ase, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Na Israel mma no nyinaa hunuu sɛ ogya ne AWURADE animuonyam aba efie no soɔ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam aboɔ nsɛeɛ no so sɔree, na wɔdaa AWURADE ase sɛ, “ɔyɛ na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa”.


Na asɔfoɔ no gyinagyina hɔ, wɔn som nnwuma so, na Lewifoɔ no nso kurakura AWURADE nsankuo a Ɔhene Dawid yɛeɛ sɛ wɔmfa nna AWURADE ase, sɛ n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, berɛ a Dawid nam wɔn so yii AWURADE ayɛ no. Na asɔfoɔ no hyenhyɛnee ntotorobɛnto, wɔn ntentensoɔ, na Israel nyinaa gyinagyina hɔ.


Na wɔbuabuaa wɔn ho AWURADE ayeyie ne aseda no mu sɛ “ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa Israel so.” Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ AWURADE ayeyie no mu, sɛ wɔreto AWURADE fie fapem no nti.


Na AWURADE yɛ, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, na ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.


Na AWURADE adɔeɛ firi daa kɔ daa, wɔn a wɔsuro no so, na ne tenenee wɔ hɔ ma mma mma,


Monna AWURADE ase, mommɔ ne din, momma wɔnhunu ne nneyɛɛ, aman mu.


Monyi AWURADE ayɛ! Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Woyɛ, na woyɛ yie, kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.


na wɔbɛte ahosan nne ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, wɔn a wɔka sɛ: Monkamfo asafo AWURADE, na AWURADE yɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, no nne, ne wɔn a wɔde aseda ba AWURADE fie no nne bio, na mede asase no nnommum bɛsane aba sɛ akane no, AWURADE na ɔseɛ.


na ne mmɔborɔhunu wɔ wɔn a wɔsuro no so, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ nyinaa mu.


mfa mo ho nsie Nyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu nkɔ daa nkwa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan