Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 131:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Ampa, madwodwo me kra mama no ayɛ komm, sɛ ɔba a wɔatwa no nufoɔ a ɔwɔ ne na ho; aane me kra te sɛ ɔba a wɔatwa no nufoɔ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Ampa, madwodwo me kra mama no ayɛ komm, sɛ ɔba a wɔatwa no nufoɔ a ɔwɔ ne na ho; aane me kra te sɛ ɔba a wɔatwa no nufoɔ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na mmom, mama me kra anya abotɔyam te sɛ akokoaa a ɔda ne na so renum no, te sɛ akokoaa a otua nufu ano no, saa ara na me kra ayɛ wɔ me mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na mmom, mama me kra anya abotɔyam te sɛ akɔkoaa a ɔda ne maame so renum no, te sɛ akɔkoaa a ɔtua nufoɔ ano no, saa ara na me kra ayɛ wɔ me mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Ampa, madwudwo me kra mama ayɛ komm; sɛ ɔba a wɔatwa no nufu a ɔwɔ ne na ho, Yiw me kra te sɛ; ɔba a wɔatwa no nufu

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 131:2
16 Iomraidhean Croise  

Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi apini wɔ me mu? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.


Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi me mu apini? Fa w’ani to Nyankopɔn so na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ


Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi apini wɔ me mu? Fa w’ani to Nyankopɔn so, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ ne me Nyankopɔn.


Ampa, me kra yɛ komm hwɛ Onyankopɔn ara; ne nsam na menya nkwagyeɛ.


Na sɛdeɛ AWURADE Nyankopɔn, Israel Kronkronni no seɛ nie: Ɔsaneba ne ɔhome mu na wɔbɛgye mo nkwa, kommyɛ ne anidasoɔ mu na mo mmaninyɛ bɛtena, nanso moampene;


Ɛyɛ sɛ wɔyɛ komm twɛn AWURADE nkwagyeɛ;


Nokorɛ mese mo sɛ: Obiara a ɔrennye Nyankopɔn ahennie sɛ abɔfra no, ɔrenkɔ mu koraa.


Mo boasetɔ mu na mobɛnya mo kra.


Anuanom, monnyɛ mmɔfra wɔ adwene mu, na mmom bɔne mu na monyɛ mmɔfra; na adwene mu deɛ, monwie nyini.


Hwɛ, ɛnnɛ da yi w’ani ahunu sɛdeɛ AWURADE de wo hyɛɛ me nsa nnɛ ɔbodan no mu; na wɔkaa sɛ menku wo, na medodoo wo ho, na mese: Merentene me nsa menka me wura, ɛfiri sɛ deɛ AWURADE asra no ne no.


Na Dawid ho kyeree no papaapa, ɛfiri sɛ ɛdɔm no kaa sɛ wɔbɛsi no aboɔ, na ɛdɔm no nyinaa kra botoeɛ, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nti; nanso Dawid hyɛɛ ne ho den AWURADE Nyankopɔn mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan