Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 13:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Hwɛ na gye me so, AWURADE, me Nyankopɔn, te m’ani, na manna owuo nna,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Hwɛ na gye me so, AWURADE, me Nyankopɔn, te m’ani, na manna owuo nna,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Twa wʼani hwɛ me na bua me, Awurade, me Nyankopɔn. Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owu nna.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Te wʼani hwɛ me na bua me, Ao, Awurade, me Onyankopɔn. Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owuo nna.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Hwɛ na gye me so, AWURADE, me Nyankopɔn, tew m’ani, na manna owu nna,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 13:3
15 Iomraidhean Croise  

Na afei seesei nko ara na wɔayi AWURADE yɛn Nyankopɔn hɔ adom akyerɛ yɛn, ama wɔagya yɛn nkaeɛ a wɔafiri mu afire, nanso wɔama yɛn pɛɛwa wɔ ne kronkronbea, sɛ yɛn Nyankopɔn bɛte yɛn anim na wama yɛanya nkwa kakra, yɛn nkoayɛ mu.


Hwɛ m’amanehunu, na yi me, na me werɛ mfiri wo mmara.


Na wo na woma me kanea derɛ, AWURADE me Nyankopɔn te me sum mu.


Hwɛ sɛ m’atamfoɔ dɔɔso, na wɔde atirimuɔden tane me.


Mɛdi ahurisie, na m’ani agye w’adɔeɛ ho, sɛ woahwɛ m’amanehunu, na woahunu me kra ahohia.


AWURADE, yɛ aso ma me nsɛm, na hwɛ me nsusuiɛ a mekura mu.


AWURADE, hu me mmɔbɔ, hwɛ m’amaneɛ a ɛfiri m’atamfoɔ, wo a woma me so firi owuo aboboano,


Sɛ wɔn ho yɛ wɔn hye a, mɛto wɔn nsapono, na mama wɔabobo na wɔn ho asɛpɛ wɔn, na wɔada daa nna, na wɔannyane, AWURADE asɛm nie.


Na mɛma ne mmapɔmma ne n’anyansafoɔ ne n’amradofoɔ ne ne man mpanimfoɔ ne ne nnɔmmarima abobo, na wɔadeda daa nna a wɔrennyane, ɔhene a ne din ne asafo AWURADE no asɛm nie.


AWURADE, kae deɛ aba yɛn soɔ, hwɛ na hunu yɛn ahohora!


kanea a ɛbɛma amanaman so ateɛ na ɛbɛhyɛ wo man Israel animuonyam.


Enti na ɔse: Wo a woada, nyane, na sɔre firi awufoɔ mu, na Kristo no bɛhyerɛn ama wo.


Na ɛnhia sɛ owia anaa ɔsrane bɛpae wɔ kuro no mu, ɛfiri sɛ Nyankopɔn animuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne Adwammaa no.


Nso Yonatan deɛ, n’agya reka ɔman no ntam no, wante; na ɔde poma a na ɔkura no ano kaa ɛwoɔ no bi, na ɔde ne nsa kɔɔ n’ano, na n’ani so tetee no.


Na Yonatan kaa sɛ: M’agya aha asase yi. Monhwɛ sɛ mekaa ɛwoɔ yi kakra mehwɛeɛ yi, m’ani so atete me;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan