Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 13:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Ɛnkɔsi da bɛn na menni me kra mu yea, na adeɛ kye a awerɛhoɔ ntena m’akomam? Me tamfo nhoran me so nkɔsi da bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Ɛnkɔsi da bɛn na menni me kra mu yea, na adeɛ kye a awerɛhoɔ ntena m’akomam? Me tamfo nhoran me so nkɔsi da bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Enkosi da bɛn na mene mʼadwennwene bedi aperepere na awerɛhow ahyɛ me koma mu daa? Mʼatamfo nni me so nkonim nkosi da bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛnkɔsi da bɛn na mene mʼadwendwene bɛdi apereapereɛ na awerɛhoɔ ahyɛ mʼakoma mu daa? Mʼatamfoɔ nni me so nkonim nkɔsi da bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Enkosi da bɛn na minni me kra mu yaw, na ade kye a, awerɛhow ntena me komam? Me tamfo nhoran me so nkosi da bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 13:2
44 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene bisaa me sɛ: Ɛfiri deɛn so na w’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ sɛɛ, na wonyare nso? Yei nyɛ hwee sɛ akoma mu awerɛhoɔ. Na mesuroo pii pa ara,


Na Ester se: Onipa ɔhohiahiafoɔ ne ɔtamfoɔ no ne saa Haman otirimuɔdenfoɔ yi. Ɛnna nketenkete kutaa Haman ɔhene ne ɔhemmaa no anim.


Sɛ medi abɔnefosɛm a, mennue, na sɛ metene nso a, meremma me tiri so; ɛfiri sɛ ahohora ahyɛ me ma, na mehwɛ m’amanehunu.


sɛ wobɛdi awisiaa ne deɛ wɔhyɛ no soɔ no asɛm, na ɔdasani a ɔfiri asase mu no anhunahuna bio.


Owuo nhoma kyekyeree me, na Asamando ahohia too me, mehunuu ahodwan ne awerɛhoɔ.


abɔnefoɔ a wɔfom me fa, m’atamfoɔ atirimuɔdenfoɔ a wɔtwa me ho hyia no nti.


Ma atorofoɔ ano mmua, wɔn a wɔka ɔteneneeni ho nsɛm a ɛyɛ den ahokyerɛ ne aniammɔho mu no.


Na mereyɛ mahwe ase, na me yea wɔ m’anim daa.


Mekae yeinom, na mehwie me kra wɔ me mu, sɛdeɛ me ne asafokuo nante kɔɔ Nyankopɔn fie, na me ne nkurɔfoɔ a wɔnam yuu hyɛ fa no de ayeyie ne aseda nnwom kɔeɛ no.


Sane bra, AWURADE, bɛgye me kra, gye me nkwa w’adɔeɛ nti.


Na wɔansunsuane me kra sɛ gyata antete me mu a ɔgyefoɔ nni hɔ.


Onyankopɔn, ɔhohiahiafoɔ nka ahohorasɛm nkɔsi da bɛn? Ɔtamfoɔ ngu wo din ho fi daa anaa?


Kae yei sɛ atamfoɔ bɔɔ AWURADE ahohora, AWURADE, na ɔman agyegyentwie guu wo din ho fi.


Wo a w’animuonyam pue firi mmɔfra ne nkɔkoaa anomu. Wo na woasiesie abankɛseɛ, w’atamfo nti, na wode amua ɔtamfoɔ ne ɔweretɔfoɔ ano.


Atamfoɔ awie sa adane daa amamfo, na woama nkuro ase ahye, na wɔn ho nkaeɛ ayera.


Anigyeɛ akoma ma anim te, na akoma mu awerɛhoɔ bubu honhom.


Nso ne nna nyinaa, esum mu na ɔdidiiɛ, na n’abufuo ne ne yadeɛ ne n’awerɛhoɔ dɔɔso.


Adɛn nti na me yea wɔ hɔ daa yi, na me kuro ayɛ nkudaa a wɔsa a, ɛnsa yi? Wobɛyɛ sɛ asuo a ɛdi hwammɔ a ɛnnyina ama me anaa?


Woka sɛ: Mennue, sɛ AWURADE de awerɛhoɔ ka me yea ho. Mabrɛ ne apinisie, na mennya ahome biara.


Mennya m’awerɛhoɔ mu awerɛkyekyerɛ, m’akoma aboto wɔ me mu.


N’ahohiahiafoɔ ayɛ akannifoɔ, n’atamfo di yie; na ne mmarato dodoɔ nti AWURADE ahyɛ no awerɛhoɔ. Ne mmotafowa adi ɔtamfoɔ anim kɔ nnommumfa mu.


Ne ho figuo akeka n’atadeɛ mmuano mu; wankae n’awieeɛ, enti na wabrɛ ase ama no ayɛ nwanwa; ɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara. O AWURADE, hwɛ m’amaneɛ, ɛfiri sɛ, ɔtamfoɔ adi nkonim!


Ɛdeɛn nti na wo werɛ firi yɛn ma no kyɛre saa, na woagya yɛn dadadada yi?


Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de rekɔ owuo mu; montena ha na mo ne me nwɛn.


Me ne mo wɔ asɔrefie hɔ daa no, moankye me; na yei ne mo berɛ ne esum tumi.


Na sɛ maka yeinom makyerɛ mo nti, awerɛhoɔ ahyɛ mo akoma ma.


sɛ: Medi awerɛhoɔ kɛseɛ ne daa yea wɔ m’akoma mu.


Na ɛwom sɛ ɔyaree owuyadeɛ deɛ, nanso Onyankopɔn hunuu no mmɔbɔ, na ɛnyɛ ɔno nko ara, na me nso bi, na m’awerɛhoɔ annɔɔso.


Na Saulo kɔɔ so suroo Dawid ara, na ɛmaa Saulo tanee Dawid daa.


Na sɛ obi to ne tamfo a, ɔbɛma no de ne ho sɔnn akɔ anaa? Enti AWURADE ntua wo ka pa nhyɛ deɛ woayɛ me nnɛ yi ananmu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan