Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 121:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 AWURADE bɛhwɛ wo so bɔne nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo kra so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 AWURADE bɛhwɛ wo so bɔne nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo kra so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade bɛbɔ wo ho ban afi ɔsɛe nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo nkwa so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Awurade bɛbɔ wo ho ban afiri ɔhaw nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo nkwa so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 AWURADE bɛhwɛ wo so, bɔne nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo kra so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 121:7
14 Iomraidhean Croise  

Na hwɛ, mɛdi w’akyi, na mahwɛ wo so baabiara a wobɛkorɔ, na mama woasane aba asase yi so. Na merennya wo de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛma deɛ maka makyerɛ woɔ yi aba mu.


Na Yabes frɛɛ Israel Nyankopɔn sɛ: Sɛ anka worehyira me na woatrɛ me hyeɛ mu na wo nsa adi m’akyi na woamma bɔne bi ammɛyɛ me na yea bi ammɛka me ɛ! Na Onyankopɔn maa deɛ ɔsrɛɛ no baa mu.


AWURADE hwɛ n’adɔfo nyinaa so, na abɔnefoɔ nyinaa deɛ, ɔbɛsɛe wɔn.


AWURADE gye ne nkoa kra, na wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa wɔremmu wɔn fɔ.


AWURADE bɛhwɛ no so, na wama no nkwa, na wɔahyira no asase so. Na worenyi no nhyɛ n’atamfo a wɔpɛ no nsa.


Mo a modɔ AWURADE, monkyiri bɔne. Ɔhwɛ n’ahotefoɔ kra so, ɔbɛyi wɔn afiri abɔnefoɔ nsam.


Mmusuo biara rento ɔteneneeni, na amaneɛ bɛhyɛ abɔnefoɔ ma.


AWURADE nhyira wo, na ɔnhwɛ wo so;


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, Na yi yɛn firi bɔne mu. [Na wo na ahennie ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


Na yɛnim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, adeɛ nyinaa di boa wɔn ma no wie wɔn yie, wɔn a wɔnam ne tirimbɔ no so afrɛ wɔn no.


Na Awurade bɛyi me afiri bɔne nyinaa mu, na wagye me akɔ ne soro ahennie no mu; ɔno na animuonyam wɔ no mmerɛ santen mfesanten. Amen.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan