Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 12:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 wɔn a wɔse: Yɛn tɛkyerɛma na yɛde di mmaninsɛm, yɛn ano wɔ hɔ, hwan na ɔbɛdi yɛn soɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 wɔn a wɔse: Yɛn tɛkyerɛma na yɛde di mmaninsɛm, yɛn ano wɔ hɔ, hwan na ɔbɛdi yɛn soɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 nea ɛka se, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bedi nkonim; yɛn ano bedi ama yɛn, na hena na odi yɛn so tumi?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 wɔn a wɔse, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bɛdi nkonim; yɛn ano yɛ yɛn dea, na hwan ne yɛn wura?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 wɔn a wose: Yɛn tɛkrɛma na yɛde di mmaninsɛm, yɛn ano wɔ hɔ, hena na obedi yɛn so?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 12:4
10 Iomraidhean Croise  

na Onyankopɔn nim sɛ da a mobɛdi bie no, mo ani bɛbue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahunu papa ne bɔne.


Menim sɛ AWURADE bɛdi ɔmanehunufoɔ asɛm, ɔbɛbu atɛn ama ahiafoɔ.


Na Farao se: Hwan ne AWURADE a mɛtie ne nne na mama Israel akorɔ? Mennim AWURADE no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.


Ɔteneneeni ano yi nyansa adi, na tɛkyerɛma kontonkyi deɛ, wɔbɛtwa.


Na wɔkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara renyera mfiri ɔsɔfoɔ hɔ, na afotuo rempa onyansafoɔ anomu, na asɛm remmɔ odiyifoɔ. Mommra mma yɛmfa tɛkyerɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.


Mo, nnɛɛmma, montie AWURADE asɛm. Madane ɛserɛ so ama Israel, anaasɛ asase a aduru sum kabii? Ɛdeɛn nti na me man ka sɛ: Yɛafa yɛn ho adi, yɛremma wo nkyɛn bio?


Afei deɛ, sɛ moasiesie mo ho sɛ berɛ a mobɛte abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, mobɛhwe ase asɔre ohoni a mayɛ a, ɛyɛ na sɛ moansɔre no a, dɔn no ara mu wɔde mo bɛgu ogya a ɛrefranam fononoo no mu, na onyame bɛn na ɔbɛyi mo afiri me nsam?


Deɛ ɔsɔre na ɔma ne ho so tia deɛ wɔfrɛ no Onyankopɔn anaa wɔsom nyinaa, ma ɔno ara kɔtena Nyankopɔn asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔno ne Onyankopɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan