Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 119:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Nhyira ne wɔn a wɔhwɛ n’adansesɛm soɔ, na wɔde wɔn akoma nyinaa di akyire,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Nhyira ne wɔn a wɔhwɛ n’adansesɛm soɔ, na wɔde wɔn akoma nyinaa di akyire,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛde, na wofi wɔn koma nyinaa mu hwehwɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛdeɛ, na wɔfiri wɔn akoma nyinaa mu hwehwɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Nhyira ne wɔn a wɔhwɛ n’adansesɛm so, na wɔde wɔn koma nyinaa di akyi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 119:2
24 Iomraidhean Croise  

na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛdeɛ sɛ wobɛnante n’akwan so, sɛ wobɛdi n’ahyɛdeɛ, ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’adansesɛm soɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara mu no, na woadi yie deɛ woyɛ nyinaa mu, baabiara a wobɛkorɔ.


Afei momfa mo akoma ne mo kra mma, sɛ mobɛhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn. Na monsɔre nkɔsi AWURADE Nyankopɔn kronkronbea no, na wɔmfa AWURADE apam adaka no ne Nyankopɔn akronkronneɛ no mmra efie a wɔbɛsi ama AWURADE din no mu.


Na nneyɛɛ a ɔfirii aseɛ Nyankopɔn fie som mu ne mmara ne mmara nsɛm mu, de hwehwɛɛ ne Nyankopɔn no nyinaa, ɔde n’akoma nyinaa na ɛyɛeɛ, na ɛsii no yie.


sɛ wɔnhwɛ n’ahyɛdeɛ nyɛ, na wɔnni ne mmara so. Monyi AWURADE ayɛ!


Mede m’akoma nyinaa mɛdi w’akyi, mma memmfiri wo mmara nsɛm ho mennkyini.


Masianka me nan mafiri kwammɔne nyinaa so, na madi w’asɛm so.


Nnebɔneyɛfoɔ, momfiri me so, na madi me Nyankopɔn mmara nsɛm so.


Mesu mefrɛ wo: Bɛgye me, na madi w’adansesɛm so.


Yɛ w’akoa yie, na mennya nkwa, na madi wo nsɛm so.


Yi ahohora ne aniwuo firi me so, na madi w’adansesɛm so.


AWURADE, kyerɛ me w’ahyɛdeɛ kwan, na mafa so makɔsi aseɛ.


Ma menhunu mu, na madi wo mmara so, na mede m’akoma nyinaa bɛdi so.


AWURADE, me kyɛfa ne wo, maka sɛ mɛdi wo nsɛm so.


Ahantanfoɔ atoatoa atorɔ ato me so, me deɛ, mede m’akoma nyinaa mesɔ wo nsiesieeɛ mu.


W’adɔeɛ nti ma mennya nkwa, na madi w’anomu adanseɛ so.


AWURADE atempɔn nyinaa yɛ adɔeɛ ne nokorɛ ma wɔn a wɔdi n’apam ne n’adansesɛm soɔ.


Me ba, fa w’akoma ma me, na ma m’akwan nsɔ w’ani.


Na mobɛhwehwɛ me ahu me, ɛfiri sɛ mode mo akoma nyinaa bɛhwehwe m’akyiri kwan.


Na mede me honhom bɛhyɛ mo mu, na mama moanante m’ahyɛdeɛ so, na moahwɛ m’atemmudeɛ ayɛ.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ obi dɔ me a, ɔbɛdi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn tenabea ne nkyɛn.


Na ɛhɔ nso mobɛhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn, na sɛ mode mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa hwehwɛ n’akyiri kwan a, mobɛhu no.


monni AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛdeɛ a wahyɛ mo no so pɛpɛɛpɛ;


Na fa w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ AWURADE wo Nyankopɔn.


sɛ yɛn akoma bu yɛn fɔ a, Onyankopɔn so kyɛne yɛn akoma na ɔhunu ade nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan