Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 118:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Mefiri ahohia mu mefrɛɛ AWURADE, na AWURADE gyee me so, deɛ ɛhɔ trɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Mefiri ahohia mu mefrɛɛ AWURADE, na AWURADE gyee me so, deɛ ɛhɔ trɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Mʼahohia mu, misu frɛɛ Awurade; ogyee me so, na ɔma me dee me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Mʼahohiahia mu, mesu frɛɛ Awurade; ɔgyee me so, na ɔma me dee me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Mifi ahohia mu mefrɛɛ AWURADE na AWURADE gyee me so, nea ɛhɔ trɛw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 118:5
15 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Yakob suroo sɛ, na ne ho yeraa no. Na ɔkyɛɛ nkurɔfoɔ a wɔwɔ ne nkyɛn ne nnwan, mmirekyie, anantwie ne yoma no mu akuo mmienu


Na wɔsu frɛɛ AWURADE, wɔn ahohia mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu.


Na wɔsu frɛɛ AWURADE wɔn ahohia mu, na ɔgyee wɔn firii wɔn ahokyere mu.


AWURADE na m’ahohia mu mesu mefrɛɛ no, na ɔtiee me.


Na ɔyii me kɔgyinaa deɛ ɛhɔ trɛ, ɔgyee me, ɛfiri sɛ mesɔɔ n’ani.


AWURADE tuaa me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ, sɛdeɛ me nsa ho a afire no teɛ na ɔtuaa me ho ka.


M’ahohia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, me Nyankopɔn, na meteaa mu mefrɛɛ no. Ɔtee me nne n’asɔrefie, na me su a mesu mekyerɛɛ no no kɔduruu n’aso mu.


Na woanyi me anhyɛ ɔtamfoɔ nsa, wode me nan agyina deɛ ɛtrɛ.


M’ahohia da mu na mehwehwɛɛ AWURADE, me nsam atene anadwo nyinaa, na ɛmpa aba, me kra po awerɛkyekyerɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan