Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 11:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 AWURADE wɔ n’asɔrefie kronkron mu, AWURADE ahennwa wɔ soro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛ kari wɔn hwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 AWURADE wɔ n’asɔrefie kronkron mu, AWURADE ahennwa wɔ soro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛ kari wɔn hwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu; Awurade te ne soro ahengua so. Ɔhwɛ nnipa mma, nʼani hwehwɛ wɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu; Awurade te ne soro ahennwa so. Ɔhwɛ nnipa mma, nʼani hwehwɛ wɔn mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron mu, AWURADE ahengua wɔ ɔsoro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛw kari wɔn hwɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 11:4
28 Iomraidhean Croise  

Na mentenaa ɛdan mu pɛn, firi da a mekɔyii Israel mebaeɛ no, de abɛduru nnɛ da yi, na mmom mefiri ntomadan mu mekɔɔ ntomadan mu, na mefiri tenabea mekɔɔ tenabea.


Na AWURADE de n’ani kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bɛdi ama wɔn a wɔn akoma di mu wɔ ne ho no. Yei mu woadi nkwaseasɛm, na ɛfiri seesei de rekorɔ yi, akodie bɛba wo so.


Ɔma wɔtena hɔ dwoodwoo, na wɔde wɔn ho to ɛno so, nanso na n’ani hwɛ wɔn akwan.


AWURADE de n’adwa asi soro, na n’ahennie di ade nyinaa so.


Hwan na ɔte sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn a ne tenabea wɔ soro,


Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hunu m’akoma, sɔ me hwɛ, na hunu m’adwene,


AWURADE firi soro hwɛ nnipa mma, sɛ ɔbɛhunu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan.


M’ahohia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, me Nyankopɔn, na meteaa mu mefrɛɛ no. Ɔtee me nne n’asɔrefie, na me su a mesu mekyerɛɛ no no kɔduruu n’aso mu.


Deɛ ɔte soro no sere, AWURADE di wɔn ho fɛw.


AWURADE firi soro hwɛ, ɔhunu nnipa mma nyinaa.


ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɛhwehwɛ? Na ɔno na ɔnim akoma mu ahuntasɛm.


Deɛ ɔde ne tumi di hene daa no, ɔwɔ amanaman ho ani. Mma mansotwefoɔ mmma wɔn ho so.


Monto ayeyie dwom mma AWURADE a ɔte Sion, monka ne nneyɛɛ nkyerɛ aman mu,


AWURADE ani wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefoɔ ne apapafoɔ.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔsoro yɛ m’adwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ; ɛdan bɛn na mobɛsi ama me, na ɛhe na me homebea wɔ?


Me, AWURADE, na mehwehwɛ adwene mu, na mesɔ akoma mehwɛ, na mɛma obiara sɛdeɛ n’akwan teɛ, sɛdeɛ ne nneyɛɛ aba no teɛ.


Sɛ obi de ne ho hunta huntabea bi a, merenhu no anaa? AWURADE asɛm nie. Ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mayɛ so ma anaa? AWURADE asɛm nie.


Aman nyinaa, montie, asase ne ne mayɛ, monwɛn aso, na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdanseni ntia mo, AWURADE a ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu no.


Na AWURADE deɛ, ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu; na momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ n’anim.


Ma akra nyinaa nyɛ komm, AWURADE anim, ɛfiri sɛ wasɔre wɔ ne tenabea kronkron hɔ.


na deɛ ɔde asɔredan ka ntam no, ɔde ɛno ne deɛ ɔte mu no na ɛka.


Na me deɛ, mese mo sɛ: Monnka ntam koraa! Monnka ɔsoro, ɛfiri sɛ ɛyɛ Nyankopɔn ahennwa.


Awurade se: Ɔsoro yɛ m’ahennwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ; ɔdan bɛn na mobɛsi ama me? Anaasɛ ɛhe ne me homebea?


Deɛ ɔsɔre na ɔma ne ho so tia deɛ wɔfrɛ no Onyankopɔn anaa wɔsom nyinaa, ma ɔno ara kɔtena Nyankopɔn asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔno ne Onyankopɔn.


Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.


Na ntɛm ara na mewɔ Honhom mu. Na hwɛ, wɔde ahennwa asi soro, na obi te ahennwa no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan