Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 109:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Wɔbu no atɛn a, ma no nni fɔ, na ma ne mpaebɔ nnane no bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Wɔbu no atɛn a, ma no nni fɔ, na ma ne mpaebɔ nnane no bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wodi nʼasɛm a, ma onni fɔ, na ne mpaebɔ mmu no kumfɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔdi nʼasɛm a, ma ɔnni fɔ, na ne mpaeɛbɔ mmu no kumfɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Wobu no atɛn a, ma onni fɔ, na ma ne mpaebɔ nnan no bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 109:7
9 Iomraidhean Croise  

Abɔnefoɔ afɔdeɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na teefoɔ mpaebɔ deɛ ɛyɛ n’anisɔdeɛ.


Abɔnefoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ, na nkantom sɛ ɔde bɛfa adwemmɔne mu aba.


Deɛ ɔyi n’aso firi mmara tie ho no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwadeɛ.


Na sɛ motrɛ mo nsam a, mɛyi m’ani mahunta mo; nso sɛ momma mpaebɔ dɔɔso a, me deɛ, merentie; mogya ayɛ mo nsa mama.


Deɛ ɔkum nantwie no te sɛ deɛ ɔkum nipa; deɛ ɔkum odwan bɔ afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔbu ɔkraman kɔn mu; deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no te sɛ deɛ ɔde prako mogya ba; deɛ ɔhye ohwamfufuo no te sɛ deɛ ɔhyira ohoni. Wɔn deɛ, wɔayi wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyiwadeɛ;


Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moto ɔsoro ahennie mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Na yɛnim sɛ biribiara a mmara seɛ no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Nyankopɔn atemmuo mu.


Na dodoɔ a wɔde wɔn ho to mmara nnwuma soɔ no hyɛ nnome ase; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔnkɔ so ara ntena deɛ wɔatwerɛ no mmara nwoma no mu nyinaa, na ɔnyɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan